Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 na meyii no Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔmmɛdi me sɔfoɔ na ɔmmɔ m’afɔrebukyia so ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔnhye aduhwam na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ no m’anim, na mede Israelfoɔ gya afɔdeɛ nyinaa memaa w’agya fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

28 na meyii no Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔmmɛdi me sɔfoɔ na ɔmmɔ m’afɔrebukyia so ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔnhye aduhwam na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ no m’anim, na mede Israelfoɔ gya afɔdeɛ nyinaa memaa w’agya fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Israel mmusuakuw no nyinaa mu no, Aaron na miyii no sɛ, ɔnyɛ me sɔfo a ɔbɛkɔ afɔremuka anim akɔhyew aduhuam, na wɔahyɛ asɔfotade wɔ mʼanim. Na mede afɔre a wɔbɔɔ no ogya so no nyinaa maa mo asɔfo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Israel mmusuakuo no nyinaa mu no, Aaron na meyii no sɛ, ɔnyɛ me ɔsɔfoɔ a ɔbɛkɔ afɔrebukyia anim akɔhye aduhwam, na wahyɛ asɔfotadeɛ wɔ mʼanim. Na mede afɔdeɛ a wɔbɔɔ no ogya so no nyinaa maa mo asɔfoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

28 na miyii no Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ommedi me sɔfo na ɔmmɔ m’afɔremuka so ɔhyew afɔre na ɔnhyew aduhuam na ɔnhyɛ asɔfotade no m’anim, na mede Israelfo gya afɔre nyinaa memaa w’agya fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:28
26 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wone ɔbarima no! Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na mesraa wo ngo de wo sii Israel so hene, na me na meyii wo Saulo nsam;


Na Dawid de n’ahoɔden nyinaa sae wɔ AWURADE anim; nso na Dawid de nwera asɔfotadeɛ amia.


Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfiri Israelfoɔ mu mmra wo nkyɛn, na wɔnyɛ me asɔfoɔ: Aaron ne ne mma Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.


Na ntadeɛ a wɔmpam nie: Adaaboɔ ne asɔfotadeɛ ne batakari ne atadeɛ yuu a wɔanwono no damedame ne abotire ne abɔsoɔ; na wɔmpam kronkronyɛ ntadeɛ mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfoɔ.


Aaron nhye so aduhwam daa anɔpa; ɔsiesie nkanea no a, ɔnhye aduhwam no.


Na sɛ Aaron de nkanea no sisi so anwummerɛ a, ɔnhye aduhwam no: Ɛyɛ daa aduhwam a wɔnhye no AWURADE anim, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Na aduane afɔdeɛ no nkaeɛ nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu ne no.


Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.


Na nkaeɛ no, Aaron ne ne mma no nni no apiti, wɔnni no deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ na wɔnnie.


Na ɔsrɛ nifa no, momfa nyɛ mo asomdwoeɛ afɔdeɛ mu mmasoɔ adeɛ mma ɔsɔfoɔ no.


na AWURADE hyɛɛ sɛ wɔmfa mma wɔn, ɛda a wɔsraa wɔn ngo firii Israelfoɔ mu, sɛ ɛnyɛ wɔn daa kyɛfa, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no.


na ɔkasa kyerɛɛ Kora ne n’asefoɔ no nyinaa sɛ: Anɔpa, AWURADE bɛma wɔahunu deɛ ɔyɛ ne deɛ, ne deɛ ɔyɛ kronkron a ɔbɛma no abɛn no; na deɛ ɔbɛfa no no, ɔno na ɔbɛma no abɛn no.


Akronkronneɛ mu mmasoɔ adeɛ a Israelfoɔ de brɛ AWURADE nyinaa, mede mama wo ne wo mmammarima ne wo mmammaa a wɔka wo ho no sɛ daa kyɛfa; ɛnyɛ AWURADE anim daa nkyene apam mma wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho no.


Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfoɔ Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod nua Ahitub ba hyɛ asɔfotadeɛ no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.


Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan