Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Sɛ obi yɛ onipa bi bɔne a, Onyankopɔn bɛpata ama no; na sɛ obi yɛ AWURADE bɔne a, hwan na ɔbɛpa kyɛw ama no? Nanso wɔantie wɔn agya nne, ɛfiri sɛ na AWURADE repɛ aku wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Sɛ obi yɛ onipa bi bɔne a, Onyankopɔn bɛpata ama no; na sɛ obi yɛ AWURADE bɔne a, hwan na ɔbɛpa kyɛw ama no? Nanso wɔantie wɔn agya nne, ɛfiri sɛ na AWURADE repɛ aku wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Sɛ obi yɛ bɔne tia ɔfoforo a, Onyankopɔn tumi gyina mu ma ɔfɔdifo no. Nanso sɛ obi yɛ bɔne tia Awurade a, hena na obetumi agyina mu?” Eli mma no antie wɔn agya afotu no, na Awurade nso reyɛ nʼadwene sɛ obekum wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Sɛ obi yɛ bɔne tia ɔfoforɔ a, Onyankopɔn tumi gyina mu ma ɔfɔdifoɔ no. Nanso, sɛ obi yɛ bɔne tia Awurade a, hwan na ɔbɛtumi adi agyinamu?” Eli mma no antie wɔn agya no afotuo, na Awurade nso reyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkum wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Sɛ obi yɛ onipa bi bɔne a, Onyankopɔn bɛpata ama no; na sɛ obi yɛ AWURADE bɔne a, hena na ɔbɛpa kyɛw ama no? Nanso wɔantie wɔn agya asɛm, efisɛ na AWURADE repɛ akum wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:25
25 Iomraidhean Croise  

Na deɛ ɔyɛeɛ no yɛɛ bɔne wɔ AWURADE anim, enti ɔkumm ɔno nso.


Na Yuda abakan Er dii amumuyɛsɛm AWURADE anim, na AWURADE kumm no.


Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔrebukyia anim efie yi mu a,


ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛbu ɔbɔnefoɔ fɔ ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.


Na ɔhene no antie ɔman no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔdanee no saa, sɛdeɛ AWURADE bɛma n’asɛm a ɔnam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.


Na ɔrekasa akyerɛ no no, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔahyɛ wo ɔhene fotufoɔ? Gyae! Adɛn nti na wɔnku woɔ? Na odiyifoɔ no gyaee, na ɔkaa sɛ: Mahunu sɛ AWURADE abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ woayɛ yei, na woantie m’afotuo no.


Nso ntamgyinafoɔ bi nni yɛn ntam a ɔde ne nsa bɛto yɛn baanu soɔ.


Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ, ɔhyeɛ afɔdeɛ nsɔ w’ani.


Wo nko ara na mafom woɔ, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasa mu, na wo ho ate, w’atemmuo mu.


Ɔba nyansafoɔ tie agya atenetene, na ɔfɛdifoɔ deɛ ɔntie ntwianimu.


Ntea a emu yɛ den wɔ hɔ ma deɛ ɔpo ɔkwan no, na deɛ ɔkyiri animka no bɛwu.


Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro.


okum wɔ ne berɛ, na ayaresa wɔ ne berɛ; bubuo wɔ ne berɛ, na osie wɔ ne berɛ;


Na ɔkra a ɔde aniɛden boapa yɛ biribi, asase no soni oo, ɔhɔhoɔ oo, wasopa AWURADE, na wɔbɛtwa saa ɔnii ko no afiri ne man mu atwene,


Monnhwɛ nnipa anim atemmuo mu, montie aketewa sɛ ɔkɛseɛ; monnsuro onipa anim, ɛfiri sɛ atemmuo yɛ Nyankopɔn dea. Na asɛm a ɛyɛ den sene mo na momfa mmrɛ me, na mentie.


Na Hesbonhene Sihon amma yɛamfa ne nkyɛn antwam, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn maa no asoɔden honhom na ɔpirim n’akoma, na ɔde no ahyɛ wo nsa sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi.


Na Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafoɔ koro, ɔno ne onipa Kristo Yesu,


Na sɛ yɛnya nya nokorɛ no mu nimdeɛ, na akyire yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔdeɛ biara nni hɔ bio,


na mmom deɛ aka ne atemmuo akwanhwɛ a ɛyɛ hu bi, ne ogya a ɛrebɛhye atamfoɔ no pasaa.


Saa nti, ɔbɛtumi agye wɔn a wɔnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛn no koraa, ɛfiri sɛ ɔte ase daa sɛ ɔbɛdi ama wɔn.


Na ɛfiri AWURADE, sɛ ɔpirim wɔn akoma sɛ wɔnkɔhyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasapasa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na enti maka ntam afa Eli fie ho sɛ: Sɛ wɔde okum afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ pata ma Eli fie mpo a, ɛrempepa wɔn amumuyɛ da biara da.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan