Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na Eli mmabarima no yɛ asansafo a wɔmfɛre Awurade,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Eli mmammarima no yɛ asansafoɔ a wɔmfɛre Awurade,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Eli mma no yɛ mmahuhufo; wommu AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:12
23 Iomraidhean Croise  

Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufoɔ nnyina n’anim, na wɔnni adanseɛ ntia no sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfiri nkɔsi no aboɔ mma no nwu.


Na mmarima mmahuhufoɔ baanu ba bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufoɔ no dii adanseɛ tiaa Nabot ɔman no anim sɛ: Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na wɔyii no firi kɔɔ kuro no akyi kɔsii no aboɔ maa no wui.


Asɔfoɔ no ammisa sɛ: Ɛhe na AWURADE wɔ? Na mmarakyerɛfoɔ no nnim me, na ahwɛfoɔ no afom me, na adiyifoɔ no nam Baal so hyɛɛ nkɔm, na wɔdii nnoɔma a ɛho nni mfasoɔ akyi.


Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no, enti nso na ɛsii no yie. Ɛnyɛ yei ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm nie.


Na wɔkuntunu wɔn tɛkyerɛma de yɛ wɔn tadua atorɔ na ɛnyɛ nokorɛ na atim wɔ asase no so, na wɔfiri bɔne mu kɔ bɔne mu, na me deɛ, wɔnnim me, AWURADE asɛm nie.


Wo tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wɔhu me, AWURADE asɛm nie.


N’asɔfoɔ bu me mmara so, na wɔgu m’akronkronneɛ ho fi; wɔmma no nsono akronkronneɛ ne adeɛ a ɛnyɛ akronkronneɛ, na wɔnkyerɛ adeɛ a ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ no ntam nsonsonoeɛ, na wɔbu wɔn ani gu me home nna so, na wɔgu me ho fi wɔ wɔn mu.


Na wɔbɛyɛ yeinom, ɛfiri sɛ wɔnnya nhunuu Agya no ne me.


Na yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro no, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo no.


Nso moanhu no, na me deɛ, menim no; na sɛ meka sɛ mennim no a, meyɛ ɔtorofoɔ te sɛ mo. Nanso menim no, na medi n’asɛm so.


ɛfiri sɛ wɔnim Onyankopɔn deɛ, nanso wɔanhyɛ no animuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn akoma a nteaseɛ nni mu no ma.


Na koroyɛ bɛn na ɛwɔ Kristo ne Belial ntam? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne deɛ ɔnnye nnie wɔ?


Mmarima mmabusufoɔ bi asɔre wo mu adaadaa wɔn nkurɔfoɔ sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforɔ a monnim wɔn a,


ɛnneɛ hwehwɛ mu na bisabisa mu yie; na hwɛ sɛ asɛm no wom ampa sɛ wɔayɛ saa akyiwadeɛ yi wɔ wo mu a,


Wɔn deɛ, wɔrema wɔn bo atɔ wɔn yam no, hwɛ, kurom hɔfoɔ mma busufoɔ bi bɛtwaa efie no ho hyiae, na wɔpempem ɛpono no, na wɔka kyerɛɛ efiewura akɔkoraa no sɛ: Fa ɔbarima a ɔbɛsoɛɛ wo fie no firi adi bra na yɛne no nna.


Na wɔsiee awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa nso kaa wɔn agyanom ho, na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi sɔree, nnipa a wɔnnim AWURADE nneyɛɛ a ɔyɛ maa Israel no nso.


Na nnipa hunu bi kaa sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wɔbuu no animtia, na wɔamfa ayɛyɛdeɛ ammrɛ no. Na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔnteɛ.


Na afei hwɛ, na dwene deɛ wobɛyɛ, na wɔakyere yɛn wura ne ne fie nyinaa so sa bɔne, nso ɔyɛ ɔba huhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no.


Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fie atɛn akɔsi daa, amumuyɛ no nti, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne mma retwetwe mmusuo, na wanka wɔn anim.


Nso na Samuel nnya nhunuu AWURADE, na wɔnnya nyii AWURADE asɛm nkyerɛɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan