Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 AWURADE atamfoɔ bɛwie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bɛbu asase ano atɛn; ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama deɛ wasra no ngo no abɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 AWURADE atamfoɔ bɛwie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bɛbu asase ano atɛn; ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama deɛ wasra no ngo no abɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛw wɔn. Ɔpae aprannaa fi wim gu wɔn so; Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara. “Ɔma ne hempɔn ahoɔden kɛse; nea wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛ wɔn. Ɔdwa aprannaa firi ewiem gu wɔn so; Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara. “Ɔma ne ɔhempɔn ahoɔden kɛseɛ; deɛ wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 AWURADE atamfo bewie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bebu asase ano atɛn, ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama nea wasra no ngo no abɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:10
50 Iomraidhean Croise  

AWURADE bɔɔ mu firii soro, na ɔsorosoroni no maa wɔtee ne nne.


Ɔno na ɔbɛsi dan ama me din, na mama n’ahennie adwa atim akɔsi daa.


Na afei kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Me na mefaa wo firii nnwanhwɛbea, firii nnwan akyiridie sɛ bɛyɛ me man Israel so hene.


Wowɔ nsa sɛ Nyankopɔn deɛ, na wobɛtumi de nne a ɛte sɛ ne deɛ abom?


Ɛhɔ na mɛma abɛn afiri ama Dawid, masiesie kanea mama deɛ masra no no.


Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefoɔ nyinaa ayeyie, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Monyi AWURADE ayɛ!


Asase so ahemfo sɔre gyina, na atumfoɔ bom tu agyina tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


Wode dadeɛ poma bɛbubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ ahina.


Afei mahunu sɛ AWURADE boa deɛ wasra no no, ɔgye no so, ne soro kronkronbea hɔ, ɔde ne nifa ahoɔdenneɛ gye no.


Ebinom kamfo nteaseɛnam, na ebinom kamfo apɔnkɔ, na yɛn deɛ, yɛkamfo AWURADE yɛn Nyankopɔn din.


Ao, AWURADE, wo na ɔhene ani gye wɔ w’ahoɔden mu, na wo nkwagyeɛ nti hwɛ sɛdeɛ ne ho si sane no fa.


AWURADE ne ne nkurɔfoɔ ahoɔden, deɛ wasra no no nkwagyeɛ aban ne no.


Wodɔ tenenee, na wotane abɔnefosɛm, enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de anigyeɛ ngo asra woɔ sene wo mfɛfoɔ.


Na wɔn ahoɔden ahyehyɛdeɛ ne wo, na w’adom mu na wɔama yɛn abɛn soɔ.


Na me nokorɛdie ne m’adɔeɛ ne no bɛtena, na me din mu na wɔbɛma n’abɛn soɔ.


Na mede ne nsa bɛsi po mu, na mede ne nifa masi nsubɔntene so.


wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔrebɛbu wiase atɛn tenenee mu, ne aman wɔ ne nokorɛ mu.


AWURADE anim, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu, ne aman wɔ atɛntenenee mu.


AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa animuonyam, AWURADE, wo nsa nifa no dwɛre atamfoɔ no.


Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu.


Na nneyɛɛ nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmuo mu, na deɛ ahunta nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu ho atɛn.


Asafo AWURADE bɛba abɛsra wo, ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne gyegyeegye kɛseɛ, kyinhyia mframa ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ na ɛbɛba.


Hwɛ, tenenee mu na ɔhene bi bɛdi hene, na asafohene nso, atemmuo mu na wɔbɛdi asafohene;


Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko ara na tenenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo afu no nyinaa ani bɛwu.


Ɛda no na mɛma abɛn bi afifiri ama Israel fie, na wo na mɛma wo kwan na woabue w’ano wɔ wɔn mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Ɛno na ɔhene no bɛse wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’Agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase mfitiaseɛ no nni!


Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


na wama nkwagyeɛ abɛn so ama yɛn n’akoa Dawid fie,


Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim!


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


Na ɛtwa sɛ yɛn nyinaa yɛkɔpue Kristo atemmuo adwa no anim hɔ, na obiara anya deɛ ɔnam nipadua so yɛeɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.


Saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛeɛ, AWURADE, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a ɛfiri n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoo mfeɛ aduanan.


Na afei, hwɛ, ɔhene a moyiiɛ a mosrɛɛ no no nie, na hwɛ, AWURADE asi mo so hene.


Ɛnyɛ ayuotwa berɛ ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama aprannaa ne osuo aba, na moahwɛ ahunu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim ne sɛ moabisa ɔhene afa no so.


Ɛnna Samuel frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa aprannaa ne osuo baa da no. Na ɔman no nyinaa suroo AWURADE ne Samuel sɛ.


Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.


Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Suane na AWURADE asuane Israel ahennie afiri wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a ɔyɛ sene woɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Na Samuel rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no twe pinii sɛ wɔne Israel rebɛko, na AWURADE paepaee aprannaa akɛseɛ guu Filistifoɔ no so da no, na ɔkaa wɔn gui maa wɔtotɔe Israel anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan