Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na Hana bɔɔ mpae se, “Me koma di ahurusi wɔ Awurade mu! Awurade mu na wɔma mʼabɛn so. Afei, manya mmuae ama mʼatamfo, na mʼani gye wɔ wo gye no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na Hana bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Mʼakoma di ahurisie wɔ Awurade mu! Ao, Awurade mu na me nhyira wɔ! Afei, manya mmuaeɛ ama mʼatamfoɔ, na mʼani gye wɔ wo gyeɛ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Hana bɔɔ mpae sɛ: Me koma di AWURADE mu ahurusi, AWURADE mu na wɔama m’abɛn so; m’anom atrɛw m’atamfo so, efisɛ m’ani gye wo nkwagye mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:1
37 Iomraidhean Croise  

Na Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa sanee, na Yehosafat di wɔn anim, na wɔde anigyeɛ sane baa Yerusalem. Na AWURADE maa wɔn ani gyee wɔn atamfoɔ ho.


ne Mika ba Matania, Sabdi ba, Asaf ba, otitire a ɔfiri aseda dwom ase mpaebɔ mu, ne Bakbukia a ɔdi hɔ ne nuanom mu, ne Samua ba Abda, Galal ba, Yedutun ba.


Mepam ayitoma mekataa me wedeɛ so, na mede m’ahoɔden too mfuturo mu.


M’ahoɔden ne m’ayeyie dwom ne AWURADE, na wayɛ me nkwagyeɛ.


Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so, m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie,


Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefoɔ nyinaa ayeyie, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Monyi AWURADE ayɛ!


AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.


Ma yɛmmɔ ose wɔ wo nkonimdie ho, na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛhim yɛn frankaa: AWURADE mma deɛ wosrɛ nyinaa mmra mu.


Deɛ n’akoma pɛ na wode ama no, na deɛ n’ano bisaeɛ no, woankame no.


Na me kra bɛdi ahurisie AWURADE mu, na ne ho asane no, ne nkwagyeɛ mu.


AWURADE, bue m’ano fafa, na mede m’ano makyerɛ w’ayeyie.


W’ayeyie ne w’anidie bɛhyɛ m’anomu ma da mu nyinaa.


na abɔnefoɔ mmɛn nyinaa, mɛbubu, teneneefoɔ mmɛn na wɔbɛma soɔ.


Na wɔn ahoɔden ahyehyɛdeɛ ne wo, na w’adom mu na wɔama yɛn abɛn soɔ.


Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel Kronkronni no na yɛn hene wɔ no.


Na me nokorɛdie ne m’adɔeɛ ne no bɛtena, na me din mu na wɔbɛma n’abɛn soɔ.


na menka w’ayeyie nyinaa menkyerɛ, Sion babaa aponkɛseɛ mu, na menni ahurisie wo nkwagyeɛ mu.


Na woma m’abɛn so sɛ okoo deɛ, wode ngo foforɔ gu me so.


Ɛnna Mose ne Israelfoɔ too dwom yi maa AWURADE kaa sɛ: Mɛto AWURADE dwom, na ma na wama ne ho soɔ, ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.


Na Miriam gyee wɔn so sɛ: Monto AWURADE dwom, na wadi nkonim animuonyam mu; ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.


Odiyifoɔ Habakuk mpaebɔ wɔ Shigionot so.


me deɛ AWURADE mu na mɛdi ahurisie, na me ho bɛsɛpɛ me wɔ nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.


na wama nkwagyeɛ abɛn so ama yɛn n’akoa Dawid fie,


Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, ɛsiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seesei anya mpata yi.


Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa aguo akɔduru asase ano. Na wɔn ne Efraim apedu no, Manase mpempem ne no.


Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu;


Ɔno na monhunuu no, nanso modɔ no. Ɔno na monhunuu no seesei deɛ, nanso mogye no die, na mo ho siane mo anigyeɛ a ɛnni kabea a animuonyam wɔ mu mu,


Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Na ahi ara na na ne kora no yi no sɛ ɔbɛhuru ne boɔ, ɛfiri sɛ AWURADE ato ne yafunu mu.


Na saa na na ɔyɛ afe biara. Daa sɛ wɔforo kɔ AWURADE fie a, ɔyi no ahi saa; na ɔsu na ɔnnidi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan