Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 19:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na ɔkɔɔ Naiot wɔ Rama hɔ; na Nyankopɔn honhom baa ɔno nso so, na ɔrekorɔ no, ɔhyɛɛ nkɔm ara kɔ kɔsii sɛ ɔduruu Naiot wɔ Rama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na ɔkɔɔ Naiot wɔ Rama hɔ; na Nyankopɔn honhom baa ɔno nso so, na ɔrekorɔ no, ɔhyɛɛ nkɔm ara kɔ kɔsii sɛ ɔduruu Naiot wɔ Rama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Na ɔrekɔ Naiot no, ɔkwan no so na Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso fii ase hyɛɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Na ɔrekɔ Naiot no, ɛkwan no so na Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso hyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na ɔkɔɔ Naiot wɔ Rama hɔ; na Onyankopɔn honhom baa ɔno nso so, na ɔrekɔ no, ɔhyɛɛ nkɔm ara kɔ kosii sɛ oduu Naiot wɔ Rama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 19:23
14 Iomraidhean Croise  

Onipa akoma na ɛdwene ne kwan ho, na AWURADE na ɔsisi n’anammɔn.


Ɔhene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ.


Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.


Na Bileam maa n’ani so, na ɔhunuu Israel sɛ wɔgu hɔ mmusua mmusua; na Nyankopɔn honhom baa ne so,


Ɛda no, nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ tumideɛ pii anaa?


Na yei deɛ, ɛmfiri ɔno ara ne tirim na ɔkaeɛ, na mmom sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no mu nti, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ Yesu rebɛwu ama ɔman no,


Na sɛ mewɔ adiyie asɛnka, na menim ahuntasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidie nyinaa ma metutu mmepɔ mpo, na menni dɔ a, mensɛ hwee.


Na wɔduruu kokoɔ no so hɔ no, hwɛ, adiyifoɔ asafo bɛhyiaa no, na Nyankopɔn honhom bɛsii ne so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu.


Na obi a ɔfiri hɔnom buaa sɛ: Na wɔn kannifoɔ ne hwan? Enti ɛdanee abebusɛm sɛ: Saulo nso fra adiyifoɔ no mu anaa?


Na AWURADE honhom bɛsi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadane ayɛ onipa foforɔ.


Na adeɛ kyeeɛ no, Nyankopɔn honhommɔne no sii Saulo so, na ɔrekɔm efie, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo, sɛdeɛ ɔyɛ daa no; na pea kura Saulo nsam.


Na Dawid dwane firii mu firiiɛ, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa deɛ Saulo de ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel kɔ kɔtenaa Naiot.


Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wɔhunuu adiyifoɔ asafo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn soɔ no, Nyankopɔn honhom baa Saulo abɔfoɔ no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.


Ɛnna ɔno ara kɔɔ Rama, na ɔduruu abura kɛseɛ a ɛwɔ Seku ho no, ɔbisaa sɛ: Ɛhe na Samuel ne Dawid wɔ? Na wɔse: Hwɛ, wɔwɔ Naiot wɔ Rama.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan