Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 19:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na wɔbɛka kyerɛɛ Saulo no, ɔsomaa abɔfoɔ foforɔ; na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm saa ara. Na Saulo somaa abɔfoɔ bio, ne mprɛnsa so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na wɔbɛka kyerɛɛ Saulo no, ɔsomaa abɔfoɔ foforɔ; na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm saa ara. Na Saulo somaa abɔfoɔ bio, ne mprɛnsa so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Saulo tee asɛm a aba no, ɔsan somaa asraafo foforo, nanso wɔn nso kɔhyɛɛ nkɔm! Asɛm koro no ara sii ne mprɛnsa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Saulo tee asɛm a aba no, ɔsane somaa akodɔm foforɔ, nanso wɔn nso kɔhyɛɛ nkɔm! Asɛm korɔ no ara sii ne mprɛnsa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na wɔbɛka kyerɛɛ Saul no, ɔsomaa abɔfo foforo; na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm saa ara. Na Saul somaa abɔfo bio, ne mprɛnsa so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 19:21
6 Iomraidhean Croise  

Sɛ wode wɔmma si ogyimifoɔ waduro mu fra ayuo mu mpo a, n’agyimisɛm remfiri ne ho ara da.


Etiopiani bɛtumi asakyera ne wedeɛ, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakyera ne ho nworonnworan? Ɛnneɛ mo nso mobɛtumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwa mo.


Na yei akyiri no, mɛhwie me honhom agu honam nyinaa so, na mo mmabanin ne mo mmammaa ahyɛ nkɔm, na mo mpanimfoɔ asoso daeɛ, na mo mmeranteɛ ahuhunu anisoadeɛ,


Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wɔhunuu adiyifoɔ asafo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn soɔ no, Nyankopɔn honhom baa Saulo abɔfoɔ no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.


Ɛnna ɔno ara kɔɔ Rama, na ɔduruu abura kɛseɛ a ɛwɔ Seku ho no, ɔbisaa sɛ: Ɛhe na Samuel ne Dawid wɔ? Na wɔse: Hwɛ, wɔwɔ Naiot wɔ Rama.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan