Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 18:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 Na Filistifoɔ asafohene firii adi bɛkoeɛ; na da biara a wɔfiri adi ba no, ɛsi Dawid yie sene Saulo nkoa nyinaa. Na na wɔbɔ ne din anidie mu sɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

30 Na Filistifoɔ asafohene firii adi bɛkoeɛ; na da biara a wɔfiri adi ba no, ɛsi Dawid yie sene Saulo nkoa nyinaa. Na na wɔbɔ ne din anidie mu sɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 Bere biara a Filistifo asraafo tow hyɛɛ Israel so no, Dawid dii nkonim sen Saulo asahene a wɔaka no. Eyi maa Dawid gyee din wɔ asase no so nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 Ɛberɛ biara a Filistifoɔ akodɔm to hyɛɛ Israel so no, Dawid dii nkonim sene Saulo asahene a wɔaka no. Yei maa Dawid gyee edin asase no so nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

30 Na Filistifo mmapɔmma no fii adi bɛkoe. Na da biara a wofi adi ba no, Dawid di nkonim pii sen Saul nkoa nyinaa; ɛno nti, na wɔbɔ ne din nidi mu sɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 18:30
17 Iomraidhean Croise  

Na afe bi mu wɔ ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ a ahemfo tu sa mu no, Dawid somaa Yoab a ne nkoa ka ne ho, ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ; na wɔkɔtuaa Raba. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem.


Na medii w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mɛma woanya din kɛseɛ sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.


Na ɔhene somaa aduonum so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa ne n’aduonum. Na aduonum so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa no foro kɔe, na ɔkɔkotoo ne nankoroma anim Elia anim, na ɔpaa no kyɛw sɛ: Nyankopɔn nipa, ma me kra ne wo nkoa aduonum yi kra boɔ nyɛ den w’ani so.


AWURADE ahotefoɔ wuo deɛ, ne boɔ yɛ den n’anim.


Mewɔ nimdeɛ mesene m’akyerɛkyerɛfoɔ nyinaa, na w’adansesɛm ne m’adwene.


Onipa nimdeɛ so na wɔyi no ayɛ, na deɛ wakyea n’akoma no anim bɛgu ase.


Na nyansa ne nhunumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhunuu wɔn sɛ wɔkyɛne nkonyaayifoɔ ne pɛadeahunufoɔ a wɔwɔ n’ahennie mu no nyinaa mprɛdu.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfoɔ nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Enti monhwɛ mo nanteɛ yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ anyansafoɔ.


Ɔno na moba ne nkyɛn sɛ ɔboɔ a nkwa wɔ mu a nnipa apa no na Onyankopɔn deɛ, wafa no na ne boɔ yɛ den a,


Enti mo a mogye no die no, deɛ ɔsom boɔ no yɛ mo dea. Na wɔn a wɔnnye nnie no deɛ, ɔboɔ a abantofoɔ apa no na ayɛ tweaso tiboɔ


Na Saulo kɔɔ so suroo Dawid ara, na ɛmaa Saulo tanee Dawid daa.


Na Dawid firi adi kɔ baabiara a Saulo soma no na ne biribiara kɔ so; na Saulo de no sii akofoɔ so, na ɔsɔɔ ɔman no nyinaa ne Saulo nkoa nso ani.


Na ɔko no kɔɔ so ara, na Dawid firii adi ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na ɔde ekumkɛseɛ kumm wɔn, na wɔdwane firii n’anim.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.


Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mayɛ bɔne, sane bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, ɛfiri sɛ me kra boɔ ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom bebree pa ara.


Na hwɛ, sɛdeɛ wo kra asom boɔ nnɛ m’ani soɔ yi, saa ara na me kra nso nsom boɔ AWURADE ani soɔ, na ɔnyi me mfiri ahohiahia nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan