Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 18:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na Saulo kaa sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Dawid nie: Ɔhene mpɛ tiriadeɛ biara sɛ Filistifoɔ mmarima ano wedeɛ ɔha, na wɔntɔ ɔhene atamfoɔ so were. Na Saulo susuu sɛ ɔnam Filistifoɔ nsa so bɛma Dawid atɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Na Saulo kaa sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Dawid nie: Ɔhene mpɛ tiriadeɛ biara sɛ Filistifoɔ mmarima ano wedeɛ ɔha, na wɔntɔ ɔhene atamfoɔ so were. Na Saulo susuu sɛ ɔnam Filistifoɔ nsa so bɛma Dawid atɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Saulo kae se, “Monkɔka nkyerɛ Dawid se, ‘Ɔhene nhwehwɛ ti nsa biara sɛ Filistifo ɔha mmarima ano were. Mʼatamfo so aweretɔ nko ara ne ade a mepɛ.’ ” Na Saulo adwene ara ne sɛ wobekum Dawid wɔ akono.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Saulo kaa sɛ, “Monkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, ‘Ɔhene nhwehwɛ tirinsa biara sɛ Filistifoɔ ɔha mmarima ano wedeɛ. Mʼatamfoɔ so aweretɔ nko ara ne adeɛ a mepɛ.’ ” Na Saulo adwene ara ne sɛ wɔbɛkum Dawid wɔ akono.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na Saul kae sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Dawid ni: Ɔhene mpɛ tiade bi, sɛ Filistifo mmarima ano were ɔha, na wontɔ ɔhene atamfo so were. Na Saul susuwii sɛ ɔnam Filistifo nsa so bɛma Dawid atɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 18:25
13 Iomraidhean Croise  

Na Yakob dɔ Rahel, na ɔkaa sɛ: Wo ba kumaa Rahel nti mɛsom wo mfeɛ nson.


Monnye me etire adeɛ dodoɔ ne akyɛdeɛ biara, na biribiara a mobɛse me no, mɛma; na momfa ababaa no mma me awareɛ.


Na Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Saulo ba Isboset nkyɛn kɔkaa sɛ: Fa me yere Mikal a mede Filistifoɔ mmarima ano ɔha megyee no awadeɛ no brɛ me.


Na Yosua yɛɛ twerɛboɔ asekan de twitwaa Israelfoɔ no twetia Aaralot kokoɔ so.


Na ɛdenee Israel mmarima da no; na Saulo kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidie ansa na onwunu adwoɔ, na mentɔ m’atamfoɔ so were. Enti ɔman no mu, obiara amfa aduane anka n’ano.


Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi?


W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu baako, sɛ watwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa.


Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, me babaa panin Merab nie, ɔno na mede no bɛma wo aware; nnam ara na yɛ ma me, na ko ma AWURADE! Ɛfiri sɛ Saulo dwenee sɛ: Meremma me nsa nnka no, na Filistifoɔ na wɔn nsa nka no.


Na Saulo nkoa kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛdeɛ Dawid kaeɛ nie.


Na Saulo ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wɔnkum Dawid.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan