Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 18:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na Saulo suroo Dawid, ɛfiri sɛ AWURADE di n’akyi, na Saulo deɛ, wafiri ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Saulo suroo Dawid, ɛfiri sɛ AWURADE di n’akyi, na Saulo deɛ, wafiri ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na Saulo suro Dawid, efisɛ na Awurade agyaw no akɔ Dawid afa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 ɛfiri sɛ na Saulo suro Dawid, na nʼani bere no nso sɛ, Awurade agya no akɔ Dawid afa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Saul suroo Dawid, efisɛ AWURADE di n’akyi, na Saul de, wafi ne nkyɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 18:12
23 Iomraidhean Croise  

Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛseɛ ara, na AWURADE, asafo Nyankopɔn, dii n’akyi.


Na AWURADE dii Yehosafat akyi, ɛfiri sɛ ɔnantee n’agya Dawid kane akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim,


Nto me mfiri w’anim ntwene, na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so.


Ɛno na wɔn ho popoeɛ, deɛ ahopopoɔ nnie hɔ, na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsraban nnompe, woahyɛ wɔn aniwuo, na Onyankopɔn apa wɔn.


Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a, mɛma wɔadi awommawuo na obi anka; na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a, wɔnnue ara!


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!


Na Herode suro Yohane, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔyɛ onipa tenenee ne kronkron; na ɔbɔɔ ne ho ban, na ɔretie no a, ne ho yera no pii, nanso ɔde anigyeɛ tiee no.


Na Gerasefoɔ asase a atwa ahyia no so nkurɔfoɔ nyinaa srɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka wɔn. Na ɔsii kodoɔ mu sane kɔe.


Na ɔreka tenenee ne anidahɔ ne atemmuo a ɛreba no ho asɛm no, Felike suroe, na ɔkaa sɛ: Seesei deɛ, kɔ, na menya adagyeɛ a, mɛma wɔabɛfrɛ wo.


Na agyanom mpanimfoɔ no de nitan tɔnn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi.


Na AWURADE dii Yuda akyi na ɔdii bepɔ no so; na mmɔnsefoɔ no deɛ, wɔannya wɔn atuyɛ, ɛfiri sɛ na wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam.


Na ɔkaa sɛ: Filistifoɔ wɔ wo so oo, Samson! Na ɔnyane firii ne nna no mu, na ɔse: Mɛfiri adi sɛ kane no, na mawoso me ho. Nanso ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ AWURADE afiri ne ho.


Na mmeranteɛ no mu baako buaa sɛ: Hwɛ, mahunu Betlehemni Yisai ba bi a ɔnim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a ɔtumi ne ho ne ɔkofoni, na ɔhunu nsɛm mu, na ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi.


Na Samuel yɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kuro no mu mpanimfoɔ de ahopopoɔ bɛhyiaa no bisaa no sɛ: Woaba no asomdwoeɛ mu anaa?


Na Saulo hunuu sɛ ne biribiara kɔ soɔ no, ɔsuroo no kɔkɔɔkɔ.


Na Saulo ba Mikal dɔ Dawid; na wɔka kyerɛɛ Saulo no, asɛm no yɛɛ no anigyeɛ.


Na Saulo kɔɔ so suroo Dawid ara, na ɛmaa Saulo tanee Dawid daa.


Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma ammɛyi wo asotire, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoeɛ mu a, AWURADE nyɛ me Yonatan saa na ɔnka ho saa! Na AWURADE nni w’akyi sɛdeɛ ɔdi m’agya akyire no.


Na Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo ne Yisai ba no apam me tiri soɔ, na womaa no aduane ne nkrantɛ, na wobisaa Onyankopɔn maa no, sɛ ɔnsɔre me so na ɔntetɛ me sɛdeɛ ɛte nnɛ yi?


Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Adɛn nti na wohaa me maa meforo baeɛ yi? Na Saulo buaa sɛ: Me ho hiahia me papaapa, na Filistifoɔ ne me reko, na Onyankopɔn apa m’akyi, na ɔmmua me bio; ɔmfa adiyifoɔ so, na ɔmfa daeɛ mu nso, enti na mafrɛ woɔ yi, sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ.


Na Samuel nyinii, na AWURADE dii n’akyi, na asɛm biara a Samuel kaeɛ no baa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan