Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 17:53 - New Revised Asante Twi Bible

53 Na Israelfoɔ no sane firii Filistifoɔ no akyiridie ne pamo denden no mu, na wɔbɛfomm wɔn nsraban no faeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

53 Na Israelfoɔ no sane firii Filistifoɔ no akyiridie ne pamo denden no mu, na wɔbɛfomm wɔn nsraban no faeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

53 Afei, Israelfo asraafo san wɔn akyi bɛbɔ wuraa Filistifo nsraban a wɔaguan afi hɔ no mu faa wɔn nneɛma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

53 Afei, Israelfoɔ akodɔm sane wɔn akyi bɛbɔ wuraa Filistifoɔ sraban a wɔadwane afiri hɔ no mu faa wɔn nneɛma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

53 Na Israelfo no san fii Filistifo no akyidi ne ɔtaa dennen no mu, na wɔbɛfow wɔn nsra no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 17:53
7 Iomraidhean Croise  

Ɔno na ɔsɔre kunkumm Filistifoɔ no kɔsii sɛ ne nsam goeɛ na ne nsa fam ne nkrantɛ ho. Na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛseɛ da no, na ɛdɔm no dane kɔdii n’akyiri sɛ wɔbɛfom adeɛ nko.


Ɛno nti wɔn a wɔtete wo mu nyinaa, wɔbɛte wɔn mu, na wɔn a wɔhiahia wo ho nyinaa, wɔn nyinaa bɛkɔ nnommum mu, na wɔn a wɔtwa wo dwo no, wɔbɛtwa wɔn dwo, na wɔn a wɔfom wo fa nyinaa, mɛma wɔafom wɔn afa.


Abuo bɔ abuo so, asase no nyinaa asɛe. Mpofirim na me ntomadan asɛe, me ntwamutam asɛe amonom.


Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose na wɔtii Filistifoɔ no kɔduruu Gai ne Ekron apono akyi. Na Filistifoɔ apirafoɔ no totɔɔ Saaraim kwan so de kɔduruu Gat ne Ekron.


Na Dawid faa Filistini no ti, na ɔde baa Yerusalem; na n’akodeɛ deɛ, ɔde guu ne ntomadan mu.


Na ɔde ne kra too ne nsam kɔkumm Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wohunui na w’ani gyeeɛ; na adɛn nti na worebɛyɛ mogya a ɛdi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan