Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 17:51 - New Revised Asante Twi Bible

51 Enti Dawid tutuu mmirika kɔgyinaa Filistini no so, na ɔsɔɔ ne nkrantɛ mu twe firii bɔha mu, na ɔkumm no, na ɔde twaa ne ti. Na Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔn brane awuo no, wɔdwaneeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

51 Enti Dawid tutuu mmirika kɔgyinaa Filistini no so, na ɔsɔɔ ne nkrantɛ mu twe firii bɔha mu, na ɔkumm no, na ɔde twaa ne ti. Na Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔn brane awuo no, wɔdwaneeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

51 Dawid tuu mmirika kɔɔ Filistini no so kɔtwee nʼafoa fii ne boha mu. Dawid de afoa no kum no twaa ne ti. Bere a Filistifo huu sɛ wɔn kwabran no awu no, wɔtetew san wɔn akyi, guanee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

51 ɔkɔɔ Goliat so kɔtwee nʼakofena firii ne bɔha mu. Dawid de akofena no kumm ɔkwabrane no twaa ne ti. Ɛberɛ a Filistifoɔ hunuu sɛ wɔn kwabrane no awuo no, wɔtete sane wɔn akyi, dwaneeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

51 Enti Dawid tutuu mmirika kogyinaa Filistini no so, na osoo ne nkrante mu twe fii boha mu, na okum no, na ɔde twaa ne ti. Na Filistifo no hui sɛ wɔn bran no awu no, woguanee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 17:51
10 Iomraidhean Croise  

na ɔno ara nso kɔkumm Misraimni bi a ɔyɛ ɔbarima a ɔso, na Misraimni no kura pea ne nsam, na ɔde poma siane kɔɔ ne nkyɛn, na ɔhwam Misraimni no nsam pea no de ɔno ara ne pea no kumm no.


Na wɔduruu ɛdan no mu, na ɔno nso da mpa so, ne dabekyire no, wɔwɔɔ no sekan kumm no, na wɔtwaa ne ti, na wɔde ne tiri no nam Yordan bonhwa kwan anadwo no nyinaa kɔe.


Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.


dumm ogya tumi, dwanee nkrantɛ ano, nyaa ahoɔmmerɛ mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfoɔ, kaa ananafoɔ mpasua guiɛ.


Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no,


Saa na Dawid de ntɔmmoɔ ne ɔboɔ faa Filistini no soɔ, na ɔbɔɔ Filistini no kumm no, nanso na nkrantɛ biara nkura Dawid nsam.


Na Dawid sɔre dwanee da no Saulo anim, na ɔkɔɔ Gathene Akis nkyɛn.


Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Filistini Goliat a wokum no Ela bonhwa mu no nkrantɛ, hwɛ, ɛno na wɔabobɔ no ntoma mu da asɔfotadeɛ no akyire no, ɛno na wobɛfa a, fa, na foforɔ biara nni ha sɛ ɛno. Na Dawid kaa sɛ: Ebi nte sɛ ɛno, fa ma me!


Na wɔtwaa ne ti, na wɔyii ne ho akodeɛ, na wɔsoma maa wɔde kyinii Filistifoɔ asase so hyiae, sɛ wɔnkɔbɔ kaseɛ wɔ wɔn abosomfie ne ɔman no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan