Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 17:47 - New Revised Asante Twi Bible

47 na badwa yi nyinaa nso ahunu sɛ ɛnyɛ nkrantɛ ne pea na AWURADE de gye nkwa, ɛfiri sɛ ɔko no yɛ AWURADE dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

47 na badwa yi nyinaa nso ahunu sɛ ɛnyɛ nkrantɛ ne pea na AWURADE de gye nkwa, ɛfiri sɛ ɔko no yɛ AWURADE dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

47 Na obiara behu sɛ, Onyankopɔn mfa akode na egye ne nkurɔfo. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. Awurade de wo bɛma yɛn!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

47 Na obiara bɛhunu sɛ, Onyankopɔn mfa akodeɛ na ɛgye ne nkurɔfoɔ. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. Awurade de wo bɛma yɛn!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

47 na bagua yi nyinaa nso ahu sɛ ɛnyɛ nkrante ne peaw na AWURADE de gye nkwa, efisɛ ɔko no yɛ AWURADE dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 17:47
15 Iomraidhean Croise  

Na ɔsane baa Nyankopɔn nipa no nkyɛn, ɔno ne n’asafo nyinaa, na ɔba bɛgyinaa n’anim kaa sɛ: Hwɛ, mahunu sɛ Onyankopɔn bi nni asase biara so sɛ Israel nko, na afei gye akyɛdeɛ yi w’akoa nsam.


Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ adeɛ bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wɔnni tumi. Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yɛtwere woɔ, na wo din mu na yɛnam rekɔ nnipakuo yi soɔ. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdasani nnnya wo so ahoɔden.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Na n’ahennie mu bɛtrɛ, na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ aba, Dawid ahennwa so ne n’ahennie so, na ɔde atemmuo ne tenenee awowa no ma atim firi sɛsɛɛ de akɔsi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.


Na Yuda fie na mɛhu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa tadua ne nkrantɛ ne akodie ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ so mennye wɔn.


Na ɔbua see me sɛ: Yei ne AWURADE asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden soɔ, na mmom me honhom so, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?


Nanso yeinom nyinaa mu na yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro soɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn, na wo nsa na mede wɔn mahyɛ, wɔn mu biara rennyina w’anim.


Na Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛntwam nkɔ momonotofoɔ bansifoɔ yi ho, ebia AWURADE bɛdi ama yɛn, na biribiara nsi AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa bɛgye nkwa.


Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, me babaa panin Merab nie, ɔno na mede no bɛma wo aware; nnam ara na yɛ ma me, na ko ma AWURADE! Ɛfiri sɛ Saulo dwenee sɛ: Meremma me nsa nnka no, na Filistifoɔ na wɔn nsa nka no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan