Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 17:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔbarima katakyie bi firi Filistifoɔ nsram firii adi, a ne din de Goliat a ɔfiri Gat, na ne tentene yɛ basafa mmiɛnsa ne saama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔbarima katakyie bi firi Filistifoɔ nsram firii adi, a ne din de Goliat a ɔfiri Gat, na ne tentene yɛ basafa mmiɛnsa ne saama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔbarima tenten hoɔdenfo bi a ne din de Goliat a ofi Gat no pue fii Filistifo no nsraban mu bae. Na ne tenten bɛboro anammɔn akron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔbarima tenten hoɔdenfoɔ bi a ne din de Goliat a ɔfiri Gat no pue firii Filistifoɔ no sraban mu baeɛ. Na ne tenten bɛboro anammɔn nkron.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔbarima katakyi bi fi Filistifo nsram fii adi, ne din de Goliat, ofi Gat, ne tenten si basafa abiɛsa ne nsama,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 17:4
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔno ara nso na ɔkɔkumm Misraimni barima bi a ne tentene yɛ basafa mmienu ne fa. Na Misraimni no kura pea a ɛte sɛ ntomanwomfoɔ nsadua wɔ ne nsam, na ɔde poma siane kɔɔ ne nkyɛn, na ɔhwimm Misraimni no nsam pea no de ɔno ara ne pea no kumm no.


Nanso mesɛee wɔn anim Amorini a ne kɛseɛ te sɛ ntweneduro kɛseɛ na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no, na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase nhini no.


(Na Basanhene Og nko na aka wɔ abrane akɛseɛ nkaeɛ no mu. Hwɛ, ne mpa a ɛyɛ dadeɛ mpa, ɛnsi Amon mma Raba anaa? Ne tentene basafa nan ne fa, na ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu, sɛdeɛ onipa basafa teɛ.)


Wɔannya Anakfoɔ Israelfoɔ no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kaeɛ.


Na ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistini katakyie a wɔfrɛ no Goliat a ɔfiri Gat no, firi Filistifoɔ mpasua mu bae, na ɔbɛkekaa nsɛm no ara, na Dawid teeɛ.


Na Filistifoɔ gyina bepɔ so ɔfa ha, na Israel nso gyina bepɔ so ɔfa ha, na bonhwa da wɔn ntam.


Na kɔbere mfrafraeɛ kyɛ hyɛ ne ti, na ɔhyɛ kɔbere mfrafraeɛ abono akotadeɛ, a n’akotadeɛ no mu duro yɛ nnwetɛbena mpemnum.


Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Dawid adwane kɔ Gat; na wankɔ so anhwehwɛ no bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan