1 Samuel 17:39 - New Revised Asante Twi Bible39 Na Dawid de ne nkrantɛ bɔɔ n’atadeɛ no so, na ɔde nante hwɛe; ɛfiri sɛ na ɔnnya nsɔ nhwɛe. Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Merentumi mfa yeinom nkɔ, ɛfiri sɛ mensɔ menhwɛe da; na Dawid yi firii ne ho. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron39 Na Dawid de ne nkrantɛ bɔɔ n’atadeɛ no so, na ɔde nante hwɛe; ɛfiri sɛ na ɔnnya nsɔ nhwɛe. Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Merentumi mfa yeinom nkɔ, ɛfiri sɛ mensɔ menhwɛe da; na Dawid yi firii ne ho. Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm39 Dawid hyɛe, de afoa kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ abien, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛnea ɛte, efisɛ na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da. Afei, ɔkae se, “Merentumi mfa eyinom nhyehyɛ me ho nkɔ, efisɛ menhyɛɛ bi saa da.” Enti ɔworɔw ne nyinaa guu hɔ. Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm39 Dawid de hyɛeɛ, de akofena kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ mmienu, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ, ɛfiri sɛ, na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da. Afei, ɔkaa sɛ, “Merentumi mfa yeinom nhyehyɛ me ho nkɔ, ɛfiri sɛ, menhyɛɛ bi saa da.” Enti, ɔworɔɔ ne nyinaa guu hɔ. Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON39 Na Dawid de ne nkrante bɔɔ n’atade no so, na ɔde nantew hwɛe; efisɛ na onnya nsɔ nhwɛe ɛ. Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: Merentumi mfa eyinom nkɔ, efisɛ mensɔ menhwɛe da. Na Dawid yi fii ne ho. Faic an caibideil |