Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 17:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: W’akoa rehwɛ n’agya nnwan na sɛ gyata ne sisire ba bɛkyere adwammaa firi ekuo no mu a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: W’akoa rehwɛ n’agya nnwan na sɛ gyata ne sisire ba bɛkyere adwammaa firi ekuo no mu a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Na Dawid ka tii mu se, “Mahwɛ mʼagya nguan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere oguan ba bi afi nguankuw no mu a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Na Dawid ka tii mu sɛ, “Mahwɛ mʼagya nnwan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere odwan ba bi afiri nnwankuo no mu a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: W’akoa rehwɛ n’agya nguan na sisi ba bɛkyere oguammaa fi kuw no mu a,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 17:34
18 Iomraidhean Croise  

Wɔn a mmoa kumm wɔn no mamfa mammrɛ wo, me na metuaa so ka. Deɛ wɔwiaa no awia ne deɛ wɔwiaa no anadwo, me nsa mu na wobisaeɛ.


Na Husai kaa sɛ: Wo ara wonim w’agya ne ne mmarima sɛ wɔyɛ ahoɔdenfoɔ, na wɔn bo ahuri sɛ sisire a wɔafa ne mma wiram, na w’agya nso yɛ dɔmmarima, na ɔne nkurɔfoɔ no renna anadwo yi.


Na Yehoiada ɔbarima a ɔfiri Kabseel a ɔyɛ mmaninneɛ a ɛso no ba Benaia kumm Moab gyatasɛefoɔ baanu; na ɔno nso siane kɔkum gyata wɔ abura mu, sukyerɛmma da bi;


Yehoiada ba Benaia yɛ ɔbarima katakyie a ɔfiri Kabseel a ɔyɛɛ nnoɔma akɛseɛ. Ɔno na ɔkum Moabni Ariel mma baanu no. Na ɔno nso na ɔsiane kɔkum gyata, abura bi mu, da bi a sukyerɛmma atɔ.


Mekae tete nna, medwene wo nneyɛɛ nyinaa ho, mesusu wo nsa ano nnwuma ho.


Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwehwɛ ne nnwankuo akyiri kwan da a ɔwɔ ne nnwan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nnwan akyiri kwan, na mɛyi wɔn afiri deɛ wɔapansam wɔn korɔ nyinaa, mununkum ne sum kabii da no.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwim nnyawa mmienu anaa asokoraa firi gyata anomu no, saa ara na wɔbɛhwim Israelfoɔ a wɔtete Samaria, te sɛ nnaeɛ ntweaso sini anaa mpa so ntoma sini bi.


Na hwɛ, merema odwanhwɛfoɔ bi so asase no so a deɛ ɛreseɛ no, ɛrenhwɛ, deɛ apansam no, ɔrenhwehwɛ, na deɛ abubuo no, ɔrensa no yadeɛ; deɛ ɛwɔ ahoɔden no nso, ɔrennyegye no, na deɛ adɔ sradeɛ no nam na ɔbɛdie, na wapaepae wɔn ntɔte mu.


Na mɛyi mogya nam afiri n’anomu, ne n’atantanneɛ afiri ne se mu, na ɔno nso, wɔbɛgya no ama yɛn Nyankopɔn, na wayɛ sɛ Yuda abusua bi, na Ekron ayɛ sɛ Yebusini.


Na nnwanhwɛfoɔ bi wɔ saa asase no so da wiram rewɛn wɔn nnwankuo anadwo.


Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa de ne nkwa to hɔ ma nnwan no;


na boasetɔ de osuahunu ba, na osuahunu de anidasoɔ ba.


Wɔn na wɔnam gyidie so ko dii ahennie ahodoɔ so nkonim, dii asɛntenenee, nyinyaa bɔhyɛ, sii agyata ano,


Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ, na ne nan te sɛ osisire nan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n’ahoɔden ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa no.


Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔtetee ne mu, sɛdeɛ wɔtete abirekyie ba mu, nanso na hwee nkuta ne nsam. Na wanka deɛ ɔyɛeɛ no ankyerɛ n’agya ne ne na.


na Dawid deɛ, ɛyɛ a, ɔfiri Saulo nkyɛn sane kɔhwɛ n’agya nnwan wɔ Betlehem.


Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wontumi nkɔ nkɔne Filistini no nko, ɛfiri sɛ wo deɛ, woyɛ abɔfra, na ɔno deɛ, ɔyɛ ɔbarima kofoni firi ne mmɔfraase.


mefiri adi meti no mekɔbɔ no, na meyi no mefiri n’anomu; na sɛ ɔsɔre tia me a, mesɔ ne bɔgyesɛ mu mebɔ no meku no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan