1 Samuel 17:26 - New Revised Asante Twi Bible26 Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi? Faic an caibideilTwerɛ Kronkron26 Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi? Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm26 Dawid bisaa mmarima a wogyina ne ho no se, “Dɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a obekum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguase yi afi Israel so? Hena ne saa Filistini bosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ogu Onyankopɔn Teasefo asraafo anim ase?” Faic an caibideilAsante Twi Nkwa Asɛm26 Dawid bisaa mmarima a wɔgyina ne ho no sɛ, “Ɛdeɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a ɔbɛkum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguaseɛ yi afiri Israel so? Hwan ne saa Filistini ɔbosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ɔgu Onyankopɔn Teasefoɔ akodɔm anim ase?” Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON26 Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Dɛn na wɔbɛyɛ onipa a obekum Filistini yi na wayi ahohora afi Israel so no? Na hena po ne Filistini momonoto yi a ɔbɔ Onyankopɔn teasefo mpasua ahohora yi? Faic an caibideil |
na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni.