Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 17:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na Israel mmarima no kekaa sɛ: Sɛ moahunu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ara na waba rebɛtwa wɔn poa; na onii ko a ɔbɛku no no, ɔhene bɛma no anya ne ho sɛ, na ɔde ne babaa bɛma no aware, na wama n’agya fie ade wɔn ho wɔ Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Na Israel mmarima no kekaa sɛ: Sɛ moahunu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ara na waba rebɛtwa wɔn poa; na onii ko a ɔbɛku no no, ɔhene bɛma no anya ne ho sɛ, na ɔde ne babaa bɛma no aware, na wama n’agya fie ade wɔn ho wɔ Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Afei, na Israelfo keka wɔ wɔn mu se, “Woahu ɔbran no? Ɔba bɛkasa tia Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a obetumi akum no no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babea bɛma no aware, na ne fifo nso, ɔhene remma wontua tow biara a wogye no Israelman mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Afei, na Israelfoɔ keka wɔ wɔn mu sɛ, “Woahunu ɔbrane no? Ɔba bɛkasa tiaa Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a ɔbɛtumi akum noɔ no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babaa bɛma no aware, na ne fiefoɔ nso, ɔhene remma wɔntua ɛtoɔ biara a wɔgye no Israelman mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na Israel mmarima no kekae sɛ: Sɛ moahu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ahohorabɔ na ɔreba yi; na onii ko a obekum no no, ɔhene bɛma wanya ne ho sɛ, na ɔde ne babea bɛma no aware, na wama n’agya fi ade wɔn ho wɔ Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 17:25
11 Iomraidhean Croise  

Na yɛrema moahunu sɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nsɔfokwaa ne asomfo a wɔwɔ Nyankopɔn fie no nyinaa, obiara nni ho kwan sɛ ɔgye wɔn toɔ, amanneɛ anaa akwanneɛ.


Na ɔbuaa sɛ ananafoɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ na mma no de wɔn ho.


Na Kaleb kaa sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no nkwadua a ɛsi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


Deɛ ɔdi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa saa, na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu, na mɛbɔ ne din m’Agya ne n’abɔfoɔ anim.


Na Israel mmarima no nyinaa, wɔhunu ɔbarima no a, wɔdwanedwane firi n’anim, na wɔsuro sɛ.


Na nkurɔfoɔ no kaa saa asɛm no ara kyerɛɛ no sɛ: Sɛɛ na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku no no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan