Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 17:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Ɛnna Dawid gyaa ne nnoɔma a na ɔkura no hyɛɛ nnoɔma so hwɛfoɔ nsa, na ɔtuu mmirika kɔɔ mpasua no mu na ɔkɔkyeaa ne nuanom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Ɛnna Dawid gyaa ne nnoɔma a na ɔkura no hyɛɛ nnoɔma so hwɛfoɔ nsa, na ɔtuu mmirika kɔɔ mpasua no mu na ɔkɔkyeaa ne nuanom no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Dawid gyaw ne nneɛma maa akode sohwɛfo no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kokyia ne nuanom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Dawid gyaa ne nneɛma maa akodeɛ sohwɛfoɔ no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kɔkyeaa ne nuanom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Ɛnna Dawid gyaw ne nneɛma a okurae no hyɛɛ nneɛma sohwɛfo nsa, no otutuu mmirika kɔɔ mpasua no so kobisaa ne nuanom sɛnea wɔte.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 17:22
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nnwan no ho yɛ anaa; na sane bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no firii Hebron bonhwa mu, na ɔkɔduruu Sekem.


Na ɛberɛ a Uria bɛduruu ne nkyɛn no, Dawid bisaa no sɛdeɛ Yoab ne ɛdɔm no ho teɛ ne sɛdeɛ ɛsa no rekorɔ.


Na Mose firii adi kɔhyiaa n’ase, na ɔkotoo no fee n’ano, na wɔkyeakyeaa wɔn ho wɔn ho, na wɔbaa ntomadan mu.


Waba Ayat afa Migron de ne nnesoa agya Mikmas;


Na wɔmanee hɔ, na wɔduruu aberanteɛ Lewini no fie a ɛyɛ Mika fie, na wɔkyeaa no.


Ɛnna wɔdanee wɔn ho de kɔeɛ, na wɔmaa mmɔfra ne afieboa ne nnoɔma a ɛho hia dii wɔn anim.


na Israel ne Filistifoɔ atwitwa mpasua a ɛdɔm kyerɛ dɔm anim.


Na Dawid somaa mmeranteɛ du, na Dawid ka kyerɛɛ mmeranteɛ no sɛ: Momforo nkɔ Karmel na monkɔ Nabal nkyɛn, na monkɔbɔ me din nkyea no mma me.


Na Dawid duruu mmarima ahanu a wɔabrɛ a wɔantumi anni Dawid akyire a wɔgyaa wɔn tenaa Besor subonhwa ho no nkyɛn. Na wɔfirii adi bɛhyiaa Dawid ne ɛdɔm a wɔne no nam no, na Dawid pinkyɛɛ ɛdɔm no kyeaa wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan