Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 16:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na ɔsoma maa wɔkɔfaa no baeɛ. Nso na ɔbere, na n’animma yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ. Na AWURADE kaa sɛ: Sɔre sra no, na ɔno ara nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na ɔsoma maa wɔkɔfaa no baeɛ. Nso na ɔbere, na n’animma yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ. Na AWURADE kaa sɛ: Sɔre sra no, na ɔno ara nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Enti Yisai soma ma wɔkɔfaa no bae. Na ɔyɛ ɔkɔkɔɔ a ahoɔfɛ aguare no na nʼani yɛ fɛ. Awurade kae se, “Sɔre na sra no ngo. Ɔno ni.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Enti, Yisai soma ma wɔkɔfaa no baeɛ. Na ɔyɛ bɔkɔɔ a ahoɔfɛ adware no na nʼani yɛ fɛ. Awurade kaa sɛ, “Sɔre na sra no ngo. Ɔno nie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na ɔsoma ma wɔkɔfaa no bae. Nso ɔbere, na n’aniwa yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ. Na AWURADE kae sɛ: Sɔre sra no, na ɔno ara ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 16:12
19 Iomraidhean Croise  

Na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔwɔ hɔ nti, ɔnhwɛ biribiara gye aduane a ɔno ara die. Nso na Yosef ho ne n’anim yɛ fɛ.


Na yeinom ne Dawid nsɛm a ɛdi akyire. Yisai ba Dawid adiyisɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a wɔmaa no soɔ no adiyisɛm, deɛ Yakob Nyankopɔn asra no ne Israel dwom dɛdɛ tofoɔ asɛm a ɔreka nie:


Na afei kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Me na mefaa wo firii nnwanhwɛbea, firii nnwan akyiridie sɛ bɛyɛ me man Israel so hene.


Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan nsra no ngo mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na monhyɛne totorobɛnto sɛ: Ɔhene Salomo nkwa so oo!


Asase so ahemfo sɔre gyina, na atumfoɔ bom tu agyina tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ,


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


Na ɔyii n’akoa Dawid, na ɔfaa no firii nnwammuo mu.


Na ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin; na ɔhunuu sɛ ne ho yɛ fɛ no, ɔde no siee abosome mmiɛnsa.


Me dɔfoɔ hoa na ɔbere, ɔda nso nnipa mpemdu mu.


Ne mmapɔmma ho te sene sukyerɛmma, wɔhoa nso sene nufosuo; wɔn honam bere sene ntwoma, wɔn nipadua te sɛ hoaboɔ.


Na ɔse: Yeinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn ngo a wɔgyinagyina asase nyinaa wura no nkyɛn.


Na wɔhyiae ampa tiaa w’abɔfra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman,


Ɛberɛ no ara mu na wɔwoo Mose, na ne ho yɛ fɛ Nyankopɔn anim, na wɔhwɛɛ no abosome mmiɛnsa n’agya fie.


Gyidie na wɔwoo Mose no, n’awofoɔ de koraa no abosome mmiɛnsa, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ abɔfra no ho yɛ fɛ, na wɔansuro ɔhene mmara no.


Na mmeranteɛ no mu baako buaa sɛ: Hwɛ, mahunu Betlehemni Yisai ba bi a ɔnim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a ɔtumi ne ho ne ɔkofoni, na ɔhunu nsɛm mu, na ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi.


Na Filistini no totoo n’ani na ɔhunuu Dawid no, ɔbuu no animtia; ɛfiri sɛ ɔyɛ abɔfra, na ɔbere, na ne ho nso yɛ fɛ.


Na Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrefiri adi akɔhyia Filistini no no, ɔka kyerɛɛ ne safohene Abner sɛ: Abner, hwan ba ne aberanteɛ yi? Na Abner se: Ɔhene, sɛ wo kra te aseɛ yi, mennim.


Na Samuel hunuu Saulo no, AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, onipa a mesee wo sɛ ɔbɛdi me man soɔ no nie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan