Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 16:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade bisaa Samuel se, “Woadi Saulo ho awerɛhow sɛnea ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel hene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmabarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me hene foforo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade bisaa Samuel sɛ, “Woadi Saulo ho awerɛhoɔ sɛdeɛ ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel ɔhene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmammarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me ɔhene foforɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wubegyam Saul akosi da bɛn? Na me de, mapa no sɛ onnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yese nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 16:1
34 Iomraidhean Croise  

Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim baeɛ no, manyi Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro bi sɛ wɔnsi ɛdan, na me din ntena hɔ; na mafa Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.


Na Odiyifoɔ Elisa frɛɛ adiyifoɔ mma no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ abɔsoɔ, na fa ngo toa yi kura wo nsam, na kɔ Ramot-gilead.


na fa ngo toa no hwie gu n’atifi, na ka sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masra wo ngo asi Israel so hene; na hini ɛpono no na dwane, na nnyina.


Ɛnna ɔsɔre kɔɔ ɛdan no mu, na ɔhwiee ngo no guu n’atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Masra wo masi wo AWURADE man Israel so hene.


Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pam AWURADE anim wɔ Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Samuel so kaeɛ no teɛ.


Na AWURADE, Israel Nyankopɔn ayi me afiri m’agya fiefoɔ nyinaa mu sɛ menni Israel so hene nkɔsi daa. Na wayi Yuda asi no panin, na Yuda fie mu nso wayi m’agya fie, na m’agya mma mu nso ɔpɛɛ m’asɛm sɛ ɔde me bɛsi Israel nyinaa soɔ,


Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu, na duban afiri ne nhini mu aso aba.


Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam.


Hwɛ, mede no mayɛ aman danseni, aman safohene ne mmarahyɛni.


Enti wo deɛ, mpa kyɛw mma ɔman yi, na mma wɔn ho su ne mpaebɔ so, ɛfiri sɛ wɔn amanehunu berɛ no mu, wɔsu frɛ me a, merentie.


Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ Mose ne Samuel mpo bɛgyina m’anim a, me kra renkom nkɔ ɔman yi so; yi wɔn firi m’ani so na ma wɔnkɔ!


Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapoɔ, ɛfiri sɛ AWURADE apo wɔn.


Enti wo deɛ, mpa kyɛw biara mma ɔman yi, nso mma wɔn ho abooboodie ne mpaebɔ so na nsrɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ merentie wo.


Na ɔse: Yeinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn ngo a wɔgyinagyina asase nyinaa wura no nkyɛn.


Na bio Yesaia ka sɛ: Yisai nhini ne deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman so bɛba; ɔno na amanaman ani bɛda ne soɔ.


Na ɛdeɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifoɔ no ho asɛm a, anka adagyeɛ bɛbɔ me.


Sɛ obi hunu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owuo mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owuo mu; ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ mpaeɛ mmisa.


Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu n’atifi, na ɔfee n’ano kaa sɛ: Ɛnyɛ sra na AWURADE asra wo asi n’agyapadeɛ so hene ne ɔman Israel so anaa? Na wobɛdi AWURADE nkurɔfoɔ so hene, na woagye wɔn afiri wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam. Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wo sɛ AWURADE asi wo hene wɔ n’agyapadeɛ so.


Manu me ho sɛ mede Saulo sii hene, ɛfiri sɛ wasane afiri m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛho, na ɔsu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.


Na atuateɛ te sɛ woakɔ abisa, na asoɔden te sɛ amumuyɛ ne ahonisom. Ɛsiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti, ɔno nso apo wo afiri ahennie no so.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me ne wo rensane nkɔ, ɛfiri sɛ woapo AWURADE asɛm, na AWURADE nso apo wo sɛ nni Israel so hene.


Na Samuel ammɛhwɛ Saulo bio kɔsii ne wuda, na Samuel gyam Saulo; na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔde Saulo dii Israel so hene.


Na Saulo nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ ɛ, honhommɔne bi a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛreha woɔ yi.


Na ɛbaa sɛ, sɛ honhom no firi Nyankopɔn nkyɛn ba Saulo so a, na Dawid afa sankuo na ɔde ne nsa abɔ, na Saulo ho adwo no, na ne ho atɔ no, na honhommɔne no afiri ne so kɔ.


Nso Dawid yɛ Efratini a ɔfiri Betlehem Yuda a wɔfrɛ no Yisai a ɔwɔ mmammarima baawɔtwe no ba. Na Saulo nna no mu na ɔbarima no abɔ akora a ne mfeɛ akɔ anim ara yie.


Ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu mɛsoma ɔbarima bi afiri Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so hene, na ɔnnye me man mfiri Filistifoɔ nsam; na mahunu me man, ɛfiri sɛ wɔn su aduru me nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan