Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 15:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, nyoma ne mfunumu.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na afei kɔ na kokum Amalek, na monsɛe nea wɔwɔ nyinaa pasaa, na nkyɛe wɔn so, na kum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 15:3
20 Iomraidhean Croise  

(Na Timna yɛ Esau ba Elifas mpena, na ɔwoo Amalek maa Elifas.) Yeinom ne Esau yere Ada mma.


Na ɔbisaa me sɛ: Wo ne hwan? Na mebuaa no sɛ: Meyɛ Amalekni.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ yei hyɛ nwoma bi mu fa yɛ nkaeɛ, na ka hyɛ Yosua aso mu sɛ pepa na mɛpepa Amalek nkaeɛ afiri asase so.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,


Afei ɔhwɛɛ Amalek na ɔtoaa ne kasa no so sɛ: Amanaman mu dikanfo ne Amalek, nanso n’awieeɛ bɛwie no ɔsɛeɛ mu.


Enti monkunkum mmɔfra no mu mmarima nyinaa, na mmaa no mu biara a ɔnim ɔbarima na ɔne ɔbarima ada no nso, monku no;


Na ɔfae, ne ne hene ne ne nkuro nyinaa, na wɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn, na wɔsɛee akra a ɛwɔ mu nyinaa pasapasa, wamma obiara anka, sɛdeɛ ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa na ɔyɛɛ Debir ne ne hene.


Na ɔyɛɛ mmaninneɛ, na ɔkɔkumm Amalekfoɔ, na ɔgyee Israel wɔn afomfafoɔ nsam.


na AWURADE somaa wo akwankorɔ bi sɛ: Kɔ na kɔsɛe Amalekfoɔ nnebɔneyɛfoɔ no pasapasa, na ɛne wɔn nko kɔsi sɛ wobɛhye wɔn ase.


Na Saulo ne dɔm no hunuu Agag ne nnwan ne anantwie a wɔyɛ ne wɔn a wɔadodɔre sradeɛ ne nnwammuruwa ne deɛ ɛyɛ no nyinaa mmɔbɔ, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na adeɛ biara a wɔmmuo na ɛnyɛ mma hwee no deɛ, wɔsɛee no pasapasa.


Na asɔfoɔ kuro Nob nso, ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn; mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne mfunumu ne nnwan nyinaa na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn.


Na Dawid bɔɔ asase no, na wannya ɔbarima anaa ɔbaa anikan, na ɔfaa nnwan ne anantwie ne mfunumu ne yoma ne ntadeɛ, na ɔsane baa Akis nkyɛn.


Na Dawid kunkumm wɔn firi ahemadakye kɔsii da a ɛdi soɔ no anwummerɛ; na wɔn mu biara amfiri mu amfi gye mmeranteɛ ahanan a wɔtenatenaa yoma so dwaneeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan