Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 15:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me ne wo rensane nkɔ, ɛfiri sɛ woapo AWURADE asɛm, na AWURADE nso apo wo sɛ nni Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me ne wo rensane nkɔ, ɛfiri sɛ woapo AWURADE asɛm, na AWURADE nso apo wo sɛ nni Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Merensan ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛde enti Awurade nso apo wʼahenni!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Merensane ne wo nkɔ. Woapo Awurade ahyɛdeɛ enti Awurade nso apo wʼahennie!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Me ne wo rensan nkɔ, efisɛ woapa AWURADE asɛm, na AWURADE nso apa wo sɛ nni Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 15:26
16 Iomraidhean Croise  

Na ɔse: Me ba ne mo renkɔ, ɛfiri sɛ ne nua awu, na aka ɔno nko, na sɛ mmusuo bi kɔto no wɔ kwan a morekorɔ no mu a, ɛnneɛ mode me dwono bɛkɔ Asamando awerɛhoɔ mu.


Adɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtia ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrantɛ akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na wode Amonfoɔ nkrantɛ adi no awu.


Na m’adɔeɛ remfiri ne ho sɛdeɛ ɛfirii Saulo a metuu no w’anim no ho no.


Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi soɔ, wɔn nneyɛɛ so aba no, ɛfiri sɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso, wɔapo.


Memaa wo ɔhene m’abufuo mu, na meyii no hɔ m’anibereɛ mu.


Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu; na wo nso, woapo nimdeɛ nti, mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ; na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.


Na ɔtuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na ɔdii no adanseɛ sɛ: Mahunu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a m’akoma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.


Na deɛ ɔkyea no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafoɔ.


Na afei w’ahennie rennyina. AWURADE bɛhwehwɛ n’akoma so barima afa, na AWURADE asi ne man so hene, ɛfiri sɛ woanni deɛ AWURADE hyɛɛ woɔ no so.


Na atuateɛ te sɛ woakɔ abisa, na asoɔden te sɛ amumuyɛ ne ahonisom. Ɛsiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti, ɔno nso apo wo afiri ahennie no so.


Ɛnna Samuel sane kɔdii Saulo akyire; na Saulo kɔsɔree AWURADE.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.


Ɛsiane sɛ woantie AWURADE nne na woanyɛ n’abufuhyeɛ so adeɛ Amalekfoɔ soɔ nti, na AWURADE ayɛ wo ɛso adeɛ nnɛ yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan