Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 15:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na Samuel kaa sɛ: AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ sene tie a wobɛtie AWURADE anaa? Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ, na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na Samuel kaa sɛ: AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ sene tie a wobɛtie AWURADE anaa? Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ, na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Na Samuel buae se, “Nea ɛwɔ he na ɛsɔ Awurade ani: sɛ wobɛbɔ ɔhyew afɔre ne okum afɔre, anaasɛ wobɛyɛ osetie ama Awurade nne? Osetie ye sen afɔrebɔ. Sɛ wubetie no no ye sen sɛ wode adwennini akɛse srade bɛma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Na Samuel buaa sɛ, “Ɛdeɛn na ɛsɔ Awurade ani: sɛ wobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ anaasɛ wobɛyɛ ɔsetie ama Awurade nne? Osetie yɛ sene afɔrebɔ, sɛ wobɛtie no no yɛ sene sɛ wode nnwennini akɛseɛ sradeɛ bɛma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na Samuel kae sɛ: So AWURADE pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre sɛ otie a wotie AWURADE anaa? Hwɛ, osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 15:22
24 Iomraidhean Croise  

Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔre no bi bɛmae. Na AWURADE ani sɔɔ Habel ne n’afɔrebɔdeɛ no,


Na afei sɛ mobɛtie me nne na moadi m’apam so a, ɛnneɛ, mobɛyɛ m’agyapadeɛ a ɛsom boɔ afiri aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me.


Asɛnteneneedie ne atɛntenenee sɔ AWURADE ani sene afɔrebɔ.


Sɛ worekɔ Nyankopɔn fie a, wɛn wo nan, na wobɛn kɔtie a, ɛyɛ sene nkwaseafoɔ afɔrebɔ; na wɔn deɛ, wɔnnim sɛ wɔreyɛ bɔne.


a mehyɛɛ mo agyanom, da a meyii wɔn firii Misraim asase so, firii dadeɛ fononoo no mu sɛ: Montie me, na monyɛ nnoɔma a mahyɛ mo no nyinaa, na moayɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn,


Ɛfiri sɛ, mehyɛɛ mo agyanom da a meyii wɔn firii Misraim asase so baeɛ, na ɛde bɛsi nnɛ, metua nhema mehyɛ wɔn daa sɛ: Montie me!


Na afei montenetene mo akwan ne mo nneyɛɛ, na montie AWURADE mo Nyankopɔn, na AWURADE nnu ne ho bɔne a ɔkaa no mo ho no ho.


Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.


M’ayɛyɛdeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no, ɛnam nko na wɔkum die; AWURADE ani nsɔ; afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛ na wabɛtwe wɔn aso, wɔ wɔn bɔne ho; Misraim na wɔbɛsane akorɔ.


Na sɛ anka mote yei aseɛ, sɛ: Mmɔborɔhunu na mepɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ a, anka moammu wɔn a wɔnni fɔ no fɔ.


Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moyi ɛme ne nunum ne tɛtɛ ho ntotosoɔ du du ma, na mogya mmara mu deɛ ɛsom boɔ no, a ɛyɛ atemmuo ne mmɔborɔhunu ne gyidie; yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na monnya nkaeɛ no nso.


gya w’ayɛyɛdeɛ no afɔrebukyia no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kane, ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛdeɛ no.


Na monkɔ nkɔsua yei ase: Mepɛ mmɔborɔhunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.


na sɛ wobɛdɔ no afiri akoma nyinaa ne nteaseɛ nyinaa ne ahoɔden nyinaa mu, na wobɛdɔ wo yɔnko sɛ wo ho, sene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne mogya afɔdeɛ nyinaa.


ɛnna mese: Afei Filistifoɔ bɛsiane aba me so Gilgal, nso mennya menyii AWURADE mpaeɛ, enti na mehyɛɛ me ho mebɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ woɔ no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahennie atim Israel so daa:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan