Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 15:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Matie AWURADE, na makɔ kwan a AWURADE somaa me no, na mede Amalekhene Agag aba, na masɛe Amalek pasapasa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Matie AWURADE, na makɔ kwan a AWURADE somaa me no, na mede Amalekhene Agag aba, na masɛe Amalek pasapasa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Saulo nso kaa no denneennen se, “Mitiee Awurade. Nea ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛe. Mede ɔhene Agag san bae. Na wɔn a aka no de, mesɛee wɔn nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Saulo nso kaa no dendeenden sɛ, “Metiee Awurade. Deɛ ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛeɛ. Mede ɔhene Agag sane baeɛ. Na wɔn a aka no deɛ, mesɛee wɔn nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Sɛ matie AWURADE, na makɔ ɔkwan a AWURADE somaa me no, na mede Amalek hene Agag maba, na masɛe Amalek pasaa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 15:20
12 Iomraidhean Croise  

Me deɛ, me ho te, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ, amumuyɛ biara nni me ho.


Na Hiob aka sɛ: Metene, nanso Onyankopɔn afa me bem kɔ.


Wobu no sɛ ɛtene, anaa woka sɛ: Me tenenee sene Nyankopɔn deɛ,


Wobɛdane m’atemmuo no ani? Wobɛbu me fɔ na woadi bem?


Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Madi yeinom nyinaa so. Ɛdeɛn na aka me bio?


Na ɔno deɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔbu ne ho bem, nti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: Na hwan ne me yɔnko?


Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo.


Na wɔnnim Nyankopɔn tenenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ara tenenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Nyankopɔn tenenee ase.


Na Samuel duruu Saulo nkyɛn no, Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira wo. Mama AWURADE asɛm no atim.


Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.


Na ɔkyeree Amalekhene Agag animono, na ɔman no nyinaa deɛ, ɔde nkrantɛ ano sɛee wɔn pasapasa.


Ɛsiane sɛ woantie AWURADE nne na woanyɛ n’abufuhyeɛ so adeɛ Amalekfoɔ soɔ nti, na AWURADE ayɛ wo ɛso adeɛ nnɛ yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan