Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 15:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Adɛn nti na woantie AWURADE, na woato ahyɛ asadeɛ soɔ, na woayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Adɛn nti na woantie AWURADE, na woato ahyɛ asadeɛ soɔ, na woayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Adɛn nti na woantie Awurade? Adɛn nti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ nea Awurade kaa se monnyɛ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Adɛn enti na woantie Awurade? Adɛn enti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ deɛ Awurade kaa sɛ monnyɛ?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Ɛdɛn nti na woantie AWURADE, na woatow ahyɛ asade so, na woayɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 15:19
11 Iomraidhean Croise  

Adɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtia ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrantɛ akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na wode Amonfoɔ nkrantɛ adi no awu.


Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim no.


Na ɔde ne mma bɔɔ afɔdeɛ ogya mu Hinom ba bonhwa no mu, na ɔdii abayisɛm, bisaa adeɛ, yii ntafowa, na ɔyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne bebree pa ara de huruu ne bo.


Na ɔyɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so bɔne. Wammrɛ ne ho ase Odiyifoɔ Yeremia a na ɔkasa AWURADE ano no anim.


Amim mu mfasopɛfoɔ sɛe ne fie, na deɛ ɔkyiri akyɛdeɛ bɛtena ase.


Adwotwafoɔ tu na efie a wɔde me din ato no yi ayɛ mo ani soɔ anaa? Me nso, hwɛ, mahunu, AWURADE asɛm nie.


Na Mose kaa sɛ: Adɛn na mofom AWURADE asɛm no ho yi? Yei deɛ, ɛrenyɛ yie.


Ɛfiri sɛ Dema apɛ seesei wiase agya me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.


Na ɛdɔm no to kɔhyɛɛ asadeɛ no so, na wɔfaa nnwan ne anantwie ne anantwie mma kunkumm wɔn ɛfam, na ɛdɔm no dii no mogya mu.


Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Matie AWURADE, na makɔ kwan a AWURADE somaa me no, na mede Amalekhene Agag aba, na masɛe Amalek pasapasa!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan