Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 15:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na Samuel kaa sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa deɛ, nanso ɛnyɛ wone Israel mmusuakuo ti? AWURADE sraa wo ngo sɛ di Israel so hene;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Na Samuel kaa sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa deɛ, nanso ɛnyɛ wone Israel mmusuakuo ti? AWURADE sraa wo ngo sɛ di Israel so hene;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Ebia wubu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wudii Israel mmusuakuw nyinaa so no? Awurade asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Ebia wobu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wodii Israel mmusuakuo nyinaa so no? Awurade asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Na Samuel kae sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa de, nanso wone Israel mmusuakuw ti, AWURADE sraa wo sɛ di Israel so hene;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 15:17
8 Iomraidhean Croise  

Efraim rekasa a, ɛyɛ hu; ɔmaa ne ho so Israel mu, ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui.


Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno ara ne ɔkɛseɛ koraa ɔsoro ahennie no mu.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, AWURADE, ɛdeɛn na mede bɛgye Israel? Hwɛ, m’asafo ahodwo Manase mu, na me nso, mene akumaa wɔ m’agya fie.


Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu n’atifi, na ɔfee n’ano kaa sɛ: Ɛnyɛ sra na AWURADE asra wo asi n’agyapadeɛ so hene ne ɔman Israel so anaa? Na wobɛdi AWURADE nkurɔfoɔ so hene, na woagye wɔn afiri wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam. Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wo sɛ AWURADE asi wo hene wɔ n’agyapadeɛ so.


Na wɔkɔbisaa AWURADE bio sɛ: Onipa no bɛnya aba anaa? Na AWURADE se: Hwɛ, wakɔhunta nnoɔma no mu.


Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Gyae ma menka deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me anadwo yi menkyerɛ wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ!


Na Saulo buaa sɛ: Ɛnyɛ Benyaminni ne me na memfiri Israel mmusuakuo mu ketewa no mu, na ɛnyɛ m’abusua ne Benyamin abusuakuo mu mmusua nyinaa mu ketewa anaa? Na adɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan