Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 15:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Gyae ma menka deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me anadwo yi menkyerɛ wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Gyae ma menka deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me anadwo yi menkyerɛ wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwa mu yi.” Saulo bisaa se, “Dɛn asɛm?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Gyae! Tie asɛm a Awurade ka kyerɛɛ me anadwo a atwam yi.” Saulo bisaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Gyae, ma menka nea AWURADE ka kyerɛɛ me anadwo yi menkyerɛ wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 15:16
8 Iomraidhean Croise  

Na Ahia tee ne nan ase sɛ ɔreba ɛpono ano no, ɔkaa sɛ: Yeroboam yere, bra! Adɛn nti na woasakyera wo ho ayɛ sɛ obi yi? Na me deɛ, wɔde asɛm denden asoma me wo nkyɛn.


Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mprɛ ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ nokorɛ nko AWURADE din mu?


Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie asafo AWURADE asɛm:


Ɛnna Odiyifoɔ Yeremia kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem.


Na afei mommɛgyina ha, na memmɔ mo soboɔ AWURADE anim, AWURADE teneneedeɛ a wayɛ ama mo ne mo agyanom nyinaa ho:


Na Saulo se: Amalekfoɔ mu na wɔde firi baeɛ, ɛfiri sɛ ɔman no dodoo nnwan ne anantwie a ɛyɛ no ho sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wo Nyankopɔn, na nkaeɛ no deɛ, yɛasɛe wɔn pasapasa.


Na Samuel kaa sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa deɛ, nanso ɛnyɛ wone Israel mmusuakuo ti? AWURADE sraa wo ngo sɛ di Israel so hene;


Wɔsiane kɔduruu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ka kyerɛ aberanteɛ no na ɔmmɛsene nni yɛn anim nkɔ, na ɔsene kɔ a; wo deɛ, gyina ha na menka wo nhyehyɛɛ a Onyankopɔn wɔ ma wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan