Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 14:47 - New Revised Asante Twi Bible

47 Na Saulo dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae, ɔne Moab ne Amonfoɔ ne Edom ne Soba ahemfo ne Filistifoɔ koeɛ; na baabiara a ɔdanee ne ho koeɛ no, ɔdii nim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

47 Na Saulo dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae, ɔne Moab ne Amonfoɔ ne Edom ne Soba ahemfo ne Filistifoɔ koeɛ; na baabiara a ɔdanee ne ho koeɛ no, ɔdii nim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

47 Saulo nyaa Israel ahengua no so tenae a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfo wɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifo ahemfo. Na baabiara a ɔkɔe no, odii nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

47 Saulo nyaa Israel ahennwa no so tenaeɛ a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifoɔ ahemfo. Na baabiara a ɔkɔeɛ no, ɔdii nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

47 Na Saul dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae: Ɔne Moab ne Amonfo ne Edom ne Soba ahene ne Filistifo koe; na baabiara a ɔdan ne ho kɔ no, odi nim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 14:47
17 Iomraidhean Croise  

Na abakan no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Moab; ɔne Moabfoɔ agya de bɛsi nnɛ.


Na akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ben-ami; ɔne Amon mma agya de bɛsi nnɛ.


Na yeinom ne Esau (a wɔfrɛ no Edom) awoɔ ntoatoasoɔ:


Yeinom ne Esau mma, na yeinom ne wɔn atitire no; (ɔne Edom.)


Esau, a ɔno ara ne Edom no kɔtenaa Seir bepɔ so.


Atɔfoɔ mogya, ahoɔdenfoɔ sradeɛ ho na Yonatan agyan ansane amfire, na Saulo nkrantɛ ansane amfiri ho hunu.


Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Dawid bo afu wɔn no, Amonfoɔ no soma maa wɔkɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafoɔ ne Soba Siriafoɔ paa, anammɔnmufoɔ mpem aduonu ne Maakahene nnipa apem ne Tob mmarima mpem dummienu.


Na Dawid dii Israel nyinaa so hene; na Dawid de atɛntenenee ne tenenee dii asɛm maa ne manfoɔ nyinaa.


Dawid kaa Sobahene Rehob ba Hadadeser nso gui, ɛberɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrema ne tumi akɔso Asubɔntene Eufrate ho no mu.


Na Onyankopɔn maa ɔtamfoɔ bi, Eliada ba Reson a ɔdwane firii ne wura Hadad-eser, Sobahene, nkyɛn no sɔre tiaa no.


Nso na AWURADE nkaa sɛ ɔbɛpepa Israel din afiri ɔsoro ase, na ɔnam Yoas ba Yeroboam so gyee wɔn.


Na afei, hwɛ, ɔhene no na ɔdi mo anim yi. Na me deɛ, mabɔ akora na mafu dwono, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me deɛ, mefiri me mmɔfraase na manante mo anim mabɛduru nnɛ da yi.


Saulo bɛdii hene na wadi bɛboro mfirinhyia aduasa. Na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu no,


Ɛnna Saulo firii Filistifoɔ no akyiridie sane baeɛ, na Filistifoɔ no kɔɔ wɔn nkuro mu.


Na ɛko denden daa Filistifoɔ so Saulo nna nyinaa. Na sɛ Saulo hunu ɔbarima hoɔdenfoɔ biara anaa obiara a ɔyɛ nnam a, ɔkɔfa no ba ne nkyɛn.


Nso na Saulo nkoa mu nipa bi wɔ hɔ da no, a wɔato no mu AWURADE anim, ne din de Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo mmoahwɛfoɔ mu panin.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan