Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 14:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Na Saulo kaa sɛ: Yonatan, Onyankopɔn nyɛ saa na ɔnkɔ so nyɛ saa, sɛ wuo na wobɛwuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

44 Na Saulo kaa sɛ: Yonatan, Onyankopɔn nyɛ saa na ɔnkɔ so nyɛ saa, sɛ wuo na wobɛwuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Saulo kae se, “Yiw, Yonatan, ɛsɛ sɛ wuwu. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na minwu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Saulo kaa sɛ, “Aane, Yonatan, ɛsɛ sɛ wowuo. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na menwu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

44 Na Saul kae sɛ: Yonatan, Onyankopɔn nyɛ saa na ɔnkɔ so nyɛ saa, sɛ owu na wubewu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 14:44
11 Iomraidhean Croise  

Na ɛbɛyɛ abosome mmiɛnsa akyiri no, wɔbɛka kyerɛɛ Yuda sɛ: W’ase Tamar abɔ adwaman ama no anyinsɛn. Na Yuda kaa sɛ: Monkɔfa no mmra na wɔnhye no.


Na ɔde nnipa a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma, na wɔyɛɛ adwuma denden, ntaayaa fononoo ho; na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem.


Ɛnna Dawid bo fuu pii tiaa ɔbarima no, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ɔbarima a ɔyɛɛ yei no sɛ wuo.


Na Amasa nso, monka nkyerɛ no sɛ: Ɛnyɛ me nnompe ne me nam ne wo? Sɛ woanyɛ dɔm so safohene m’anim nna nyinaa ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so nyɛ me sɛɛ!


Saa na Onyankopɔn nyɛ Abner na saa na ɔnkɔ so nyɛ no, sɛdeɛ AWURADE kaa Dawid ntam no, saa na mɛyɛ mama no,


Wohunu ɛwoɔ a, di deɛ ɛso woɔ, na amfono wo, na woamfe angu.


Na ɔhunuu no no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Ao, me ba! Woabrɛ me ase papaapa, na woaho me werɛ! Ɛfiri sɛ, mabue m’ano mama AWURADE, na mentumi mensane m’akyi.


deɛ wobɛwuo na mɛwuo, na ɛhɔ ara na wɔbɛsie me; AWURADE nyɛ me yei na ebi nka ho, sɛ gye owuo na ɛbɛtete me ne wo ntam.


Na sɛ AWURADE a ɔgye Israel te aseɛ yi, sɛ ɛwɔ me ba Yonatan mpo so a, wuo na ɔbɛwuo. Na ɛdɔm no mu biara ammua no.


Sɛ ɛkɔsi ɔkyena anɔpa, megya n’adeɛ a ɔwɔ nyinaa mu onini baako sei mpo a, Onyankopɔn nyɛ Dawid atamfoɔ saa na ɔnka ho saa!


Na ɔkaa sɛ: Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ woɔ no? Nsi me asɛm no so. Sɛ wosi me asɛm a ɔka kyerɛɛ woɔ no nyinaa bi so a, Onyankopɔn ntua wo ka, na ɔmfa bi nka ho!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan