Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 14:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na nsraban no mufoɔ buaa Yonatan ne n’akodeɛkurani no sɛ: Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi. Na Yonatan ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani no sɛ: Foro di m’akyi, na AWURADE de wɔn ahyɛ Israel nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na nsraban no mufoɔ buaa Yonatan ne n’akodeɛkurani no sɛ: Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi. Na Yonatan ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani no sɛ: Foro di m’akyi, na AWURADE de wɔn ahyɛ Israel nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na wɔteɛɛ mu frɛɛ Yonatan se, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Bra; foro di mʼakyi na Awurade bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na wɔteam frɛɛ Yonatan sɛ, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodeɛsoafoɔ no sɛ, “Bra; foro di mʼakyi na Awurade bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na nsra no mufo buaa Yonatan ne n’akodekurafo no sɛ: Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi. Na Yonatan ka kyerɛɛ n’akodekurafo no sɛ: Foro di m’akyi, na AWURADE de wɔn ahyɛ Israel nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 14:12
13 Iomraidhean Croise  

Na mebaa asubura no ho nnɛ kaa sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wo ara worema me kwan a meretuo yi ayɛ dwoodwoo a,


na mebɔɔ me mu ase mesɔree AWURADE, na mehyiraa AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a ɔkyerɛɛ me nokorɛ kwan sɛ menkɔware me wura nua ba memma ne ba no.


Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ ka wo ho, ɛfiri sɛ ɛkyerɛ sɛ AWURADE afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no.


Ɛberɛ no mu na Amasia somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Israelhene Yehu ba Yehoahas ba Yehoas nkyɛn sɛ: Bra, ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ.


Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. Ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak siane firii Tabor bepɔ soɔ, na nnipa mpem du no dii n’akyi.


Na ne yɔnko no buaa no sɛ: Yei nyɛ biribiara sɛ Israelni Yoas ba Gideon nkrantɛ; ne nsam na Onyankopɔn de Midian ne nsraban no nyinaa ahyɛ.


Na ɛbaa sɛ Gideon tee daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no, ɔkoto sɔree, na ɔsane baa Israel nsraban mu, na ɔkaa sɛ: Monsɔre, ɛfiri sɛ AWURADE de Midian nsraban no ahyɛ mo nsa.


Ɛnna ɔfrɛɛ n’akoa a ɔso n’akodeɛ ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrantɛ ku me, na wɔanka no me ho sɛ ɔbaa na ɔkumm no. Na n’abɔfra no wɔɔ no maa no tɔree.


Na sɛ wɔka sɛ: Momforo mmra yɛn so a, ɛnneɛ yɛbɛforo akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE de wɔn ahyɛ yɛn nsa, na yei bɛyɛ yɛn nsɛnkyerɛnneɛ.


Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foroe, na n’akodeɛkurani no dii n’akyi, na wɔtotɔɔ Yonatan anim, na n’akodeɛkurani no kunkumm dii n’akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan