Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 14:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na da bi Saulo ba Yonatan ka kyerɛɛ n’abɔfra a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛnkɔ Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ nohoa no ho. Nanso wanka ankyerɛ n’agya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na da bi Saulo ba Yonatan ka kyerɛɛ n’abɔfra a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛnkɔ Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ nohoa no ho. Nanso wanka ankyerɛ n’agya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Da bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberante a ɔsoa nʼakode se, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifo no apee so wɔ hɔ no.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛda bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔsoa nʼakodeɛ sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifoɔ abɔ dɔmpem hɔ.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na da bi Saul ba Yonatan ka kyerɛɛ n’abofra a okura n’akode no sɛ: Bra ma yɛnkɔ Filistifo bansifo a wɔwɔ noho no ho. Nanso wanka ankyerɛ n’agya.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 14:1
13 Iomraidhean Croise  

Monnnye adamfoɔ nnni, mommfa mo ho nnto ɔyɔnkoɔ so; ɔbaa a ɔda wo koko mu no, ne ho na wɛn w’ano.


Na AWURADE honhom sii ne so, na ɔtetee ne mu, sɛdeɛ wɔtete abirekyie ba mu, nanso na hwee nkuta ne nsam. Na wanka deɛ ɔyɛeɛ no ankyerɛ n’agya ne ne na.


Na ɔfaa bi kura kɔe, na ɔrekorɔ na ɔredi, na ɔkɔduruu n’agya ne ne na nkyɛn, na ɔmaa wɔn bi dii; nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ gyata no yam na ɔyii ɛwoɔ no.


Na Gideon faa ne nkoa mu mmarima du, na ɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no; na ɛnam sɛ ɔsuro n’agya fie ne kurom hɔfoɔ no sɛ ɔbɛyɛ no awia nti, ɔyɛɛ no anadwo.


ɔyii Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saulo nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔ so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea-benyamin; na ɔman a aka no, ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu.


Na koda no, wɔanhunu nkrantɛ anaa pea ɛdɔm a wɔne Saulo ne Yonatan wɔ hɔ no mu biara nsam gye Saulo ne ne ba Yonatan nsam na wɔhunuu bie.


Na Filistifoɔ bansifoɔ no firii adi kɔɔ Mikmas tempɔn kwan so.


Na Saulo te Gibea kurotia, atoaa dua a ɛwɔ Migron no ase, na ɛdɔm a na wɔne no wɔ hɔ no bɛyɛ mmarima ahansia.


na ɔka kyerɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ: Monsene nni m’anim, hwɛ, meredi mo akyiri maba. Na ne kunu Nabal deɛ, wanka ankyerɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan