Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 13:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ woɔ no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahennie atim Israel so daa:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ woɔ no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahennie atim Israel so daa:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na Samuel kae se, “Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a Awurade, wo Nyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Sɛ wudii so a, anka obetim wʼahenni ase wɔ Israel afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na Samuel kaa sɛ, “Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a Awurade, wo Onyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Sɛ wodii so a, anka ɔbɛtim wʼahennie ase wɔ Israel afebɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ wo no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahenni atim Israel so daa:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 13:13
23 Iomraidhean Croise  

Adɛn nti na woamma mamfe me mmammarima ne me mmammaa ano anya wɔn kwan? Yei deɛ, woadi no nkwasea so.


Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!


Na ɔse: Menhaa Israel, na mmom wo ne w’agya fie, sɛ moagya AWURADE mmara nsɛm, na moakɔdi Baalim akyire.


Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: Woahu me, me tamfo? Na ɔse: Mahu wo, ɛfiri sɛ woatɔn wo ho ayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na Saulo wui ne fom a ɔfom AWURADE no, ne AWURADE asɛm a wanni soɔ no, ne sɛ nso ɔkɔbisaa samanfrɛni hɔ adeɛ hwehwɛɛ n’akyiri kwan.


Na AWURADE de n’ani kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bɛdi ama wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho no. Yei mu woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri seesei de rekorɔ yi, akodie bɛba wo so.


Na Hanani ba Yehu, ɔdehunufoɔ no, firi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ Ɔhene Yehosafat sɛ: Ɔbɔnefoɔ na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtane AWURADE no na wodɔ wɔn? Na yei nti abufuo a ɛfiri AWURADE anim da wo so.


Deɛ ɔka kyerɛ ɔhene sɛ: Ohuhuni! Ne mmapɔmma sɛ: Abɔnefoɔ!


Onipa nimdeɛ so na wɔyi no ayɛ, na deɛ wakyea n’akoma no anim bɛgu ase.


Onipa agyimisɛm kyinkyim ne kwan, na n’akoma huri tia AWURADE.


Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie asafo AWURADE asɛm:


Na sɛ wɔyɛ m’ani so bɔne, antie me a, ɛnneɛ mɛnu me ho, yie a mekaa sɛ mɛyɛ wɔn no ho.


Na Hana deɛ, wankɔ, na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Gye sɛ abɔfra no atwa nufoɔ ansa na mede no akɔ, na wakɔpue AWURADE anim, na watena hɔ daa.


ɛnna mese: Afei Filistifoɔ bɛsiane aba me so Gilgal, nso mennya menyii AWURADE mpaeɛ, enti na mehyɛɛ me ho mebɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.


Manu me ho sɛ mede Saulo sii hene, ɛfiri sɛ wasane afiri m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛho, na ɔsu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.


Na Samuel kaa sɛ: AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ sene tie a wobɛtie AWURADE anaa? Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ, na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ.


Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Suane na AWURADE asuane Israel ahennie afiri wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a ɔyɛ sene woɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mayɛ bɔne, sane bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, ɛfiri sɛ me kra boɔ ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom bebree pa ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan