Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 12:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo danseni, na deɛ wasra no yi ne ɔdanseni nnɛ, sɛ moanhunu biribiara me nsam. Na wɔkaa sɛ: Ɔne danseni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo danseni, na deɛ wasra no yi ne ɔdanseni nnɛ, sɛ moanhunu biribiara me nsam. Na wɔkaa sɛ: Ɔne danseni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Samuel kae se, “Awurade ne ne onipa a wasra no no yɛ me nnansefo sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔn.” Wɔn nyinaa kae se, “Ampa ara, ɛyɛ nokware!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Samuel kaa sɛ, “Awurade ne ne onipa a wɔasra no no yɛ mʼadansefoɔ sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔno.” Wɔn nyinaa kaa sɛ, “Ampa ara, ɛyɛ nokorɛ!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo dansefo, na nea wasra no yi ne ɔdansefo nnɛ, sɛ moanhu biribiara me nsam. Na wɔkae sɛ: Ɔne dansefo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 12:5
14 Iomraidhean Croise  

Sɛ woteetee me mmammaa, na woware yerenom ka me mma ho a, obi nka yɛn ho deɛ, nanso Onyankopɔn ne me ne wo ntam danseni.


Seesei mpo, hwɛ, ɔsoro na me danseni wɔ, na me dimafoɔ wɔ deɛ ɛkorɔn.


Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afu wo ne wo mfɛfoɔ baanu no, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛtene sɛ m’akoa Hiob.


Sɛ wosɔ m’akoma hwɛ, na wohwehwɛ me mu anadwo, na wonane me yiyi mu, worenhunu hwee. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfiri m’ano.


Sɛ wɔhunu akorɔnneɛ wɔ ne nsam, sɛ nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, na ɔyɛ anikan a, owifoɔ no mmu mmɔ ho nsi ananmu.


Pilato see no sɛ: Ɛdeɛn ne nokorɛ? Na ɔkaa yei no, ɔfirii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn bio na ɔsee wɔn sɛ: Me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.


Na wɔteateaa mu kɛseɛ, na Atwerɛfoɔ a wɔwɔ Farisifoɔ afa no sɔre kasakasaa sɛ: Yɛnhunu bɔne biara wɔ onipa yi mu; na sɛ honhom anaa ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no ɛ?


Na yei mu na mesɔ me ho mehwɛ, sɛ mɛnya ahonim a ɛnni fɔ Nyankopɔn ne nnipa fam daa.


Anaasɛ ma wɔnka sɛ megyina badwafoɔ no anim no, wɔhunuu me ho adeɛ a ɛntene bi anaa,


Ɛfiri sɛ me deɛ menhunu biribiara wɔ me ho, nanso ɛnyɛ yei ho na medi bem; na deɛ ɔbu me atɛn ne Awurade.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.


Na wɔse: Wonnii yɛn amim, na wonhyɛɛ yɛn so, na wonnyee obiara hɔ biribiara.


Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nku no, na hwan na ɔtene ne nsa ka deɛ AWURADE asra no na ɔdi bem?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan