Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 12:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Afei, monka nkyerɛ me, bere a migyina Awurade ne nea wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hena nantwi anaa nʼafurum na mawia? Masisi mo mu bi pɛn ana? Madi mo nya pɛn ana? Magye adanmude bi pɛn ana? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mesiesie nea manyɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Afei, monka nkyerɛ me, ɛberɛ a megyina Awurade ne deɛ wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hwan nantwie anaa nʼafunumu na mawia? Masisi mo mu bi pɛn anaa? Madi mo nya pɛn anaa? Magye adanmudeɛ bi pɛn anaa? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mɛtenetene deɛ manyɛ no yie.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Hwɛ, mini, munni me adanse, AWURADE ne nea wasra no yi anim: Hena nantwi na mafa? Na hena afurum na mafa? Na hena na mahyɛ no so? Na hena na madi no amim? Anaa hena hɔ na magye ademmude na mede mamua m’ani mama no? Na mennan memma mo. Momfa nto gua na metua onipa ko ka

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 12:3
29 Iomraidhean Croise  

Na mehwɛɛ AWURADE akwan, na menyɛɛ bɔne mfirii me Nyankopɔn ho.


Ɛnnɛ ara monnane wɔn mfuo ne wɔn bobe nturo ne wɔn ngo nnua ne wɔn afie mma wɔn, ne sika ne aduane ne nsa ne ngo no ha mu abupɛn a mogyee no wɔn hɔ yɛɛ mfɛntom no.


Ɔmfa ne sika mma nnye nsiho, na ɔnnye deɛ ɔdi bem ho adanmudeɛ. Deɛ ɔyɛ yeinom no ɔrehinhim ara da.


Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwie anaa n’afunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.


Sɛ wɔhunu akorɔnneɛ wɔ ne nsam, sɛ nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, na ɔyɛ anikan a, owifoɔ no mmu mmɔ ho nsi ananmu.


Nso nnye kɛtɛasehyɛdeɛ, na ɛfira aniwa, na ɛkyea ateneneefoɔ nsɛm.


Amim mu mfasopɛfoɔ sɛe ne fie, na deɛ ɔkyiri akyɛdeɛ bɛtena ase.


sɛ ɛba sɛ ɔyɛ bɔne na ɔdi so saa a, ɔmfa adeɛ a ɔfaeɛ anaa adeɛ a ɔdii mu amim, anaa adeɛ a wɔde maa no asie anaa adeɛ a ɛyeraeɛ a ɔhunuiɛ,


anaa adeɛ biara a ɔkaa ɛho ntanhunu no nsane mmra, ɔmfa ne nyinaa mmra, na ɔmfa abupɛn nnum mu baako mpae so mma ɔdenadeɛ no, n’asodie ho afɔrebɔ da no ara;


Ɛnna Mose bo fuu pii, na ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nnane w’ani nkyerɛ wɔn aduane afɔdeɛ. Mennyee wɔn nsam afunumu baako mpo, nso menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.


Wɔse: Kaesare dea. Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare ne Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!


Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao, Awurade, mede m’ahodeɛ fa mekyɛ ahiafoɔ, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mprɛnnan metua ka.


M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atadeɛ.


Hwɛ, mprɛnsa ni a masiesie me ho sɛ mereba mo nkyɛn, na meremmɛyɛ mo so adesoa; ɛfiri sɛ menhwehwɛ mo hɔ biribiara, na mmom mo ara. Na ɛnyɛ mma na ɛpɛ adeɛ sie ma awofoɔ, na mmom awofoɔ na wɔpɛ adeɛ sie ma mma.


Nnane atemmuo ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmudeɛ; na adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani, na ɛdane teneneefoɔ nsɛm ani butu.


Mo ne Onyankopɔn ne adansefoɔ sɛdeɛ yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne tenenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifoɔ.


Na sɛdeɛ monim no, Onyankopɔn ne yɛn danseni, yɛnkaa adɛfɛdɛfɛsɛm da, nso yɛmfaa asɛm biara nyɛɛ anibereɛ nkatasoɔ,


Monyɛne Nyankopɔn nnwankuo a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adufudepɛ nti, na mmom akoma a ɛpɛ nti;


Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu n’atifi, na ɔfee n’ano kaa sɛ: Ɛnyɛ sra na AWURADE asra wo asi n’agyapadeɛ so hene ne ɔman Israel so anaa? Na wobɛdi AWURADE nkurɔfoɔ so hene, na woagye wɔn afiri wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam. Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wo sɛ AWURADE asi wo hene wɔ n’agyapadeɛ so.


Na wɔse: Wonnii yɛn amim, na wonhyɛɛ yɛn so, na wonnyee obiara hɔ biribiara.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo danseni, na deɛ wasra no yi ne ɔdanseni nnɛ, sɛ moanhunu biribiara me nsam. Na wɔkaa sɛ: Ɔne danseni.


Na mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ so mafa, ɔbɛyɛ deɛ ɛwɔ m’akoma ne me kra mu, na mɛkyekyere efie a ɛtim hɔ mama no, na wanante deɛ masra no no anim nna nyinaa.


Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ wo batakari ano kura me nsam. Na ɛnam sɛ matwa wo batakari ano na manku woɔ yi, hunu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne biara, nso wo deɛ, worepɛ me aku me.


Na ɔka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: AWURADE mma no mpare me sɛ mɛyɛ me wura a AWURADE asra no no adeɛ a ɛte sɛɛ, sɛ mɛtene me nsa maka no, ɛfiri sɛ deɛ AWURADE asra no ne no.


Na Dawid de nsɛm yi bɔɔ ne nnipa no pem, na wampene amma wɔansɔre antia Saulo. Na Saulo sɔre firii ɔbodan no mu sii ne kwan so.


AWURADE mma no mpare me sɛ mɛtene me nsa maka deɛ AWURADE asra no no. Na afei fa pea a ɛwɔ n’atifi no ne nsuo kuruwa no na yɛnkɔ.


Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nku no, na hwan na ɔtene ne nsa ka deɛ AWURADE asra no na ɔdi bem?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan