Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 12:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Sɛ mosuro AWURADE na mosom no na motie no, na moante AWURADE anomu asɛm so atua na mo ne ɔhene a ɔdi mo soɔ no nyinaa redi AWURADE mo Nyankopɔn akyi a, anka ɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

14 Sɛ mosuro AWURADE na mosom no na motie no, na moante AWURADE anomu asɛm so atua na mo ne ɔhene a ɔdi mo soɔ no nyinaa redi AWURADE mo Nyankopɔn akyi a, anka ɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Sɛ musuro Awurade, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo hene a odi mo so no nyinaa di Awurade, mo Nyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Sɛ mosuro Awurade, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no nyinaa di Awurade, mo Onyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

14 Sɛ musuro AWURADE na mosom no na mutie no, na moantew AWURADE anom asɛm atua a, ɛnne mo ne ɔhene a odi mo so no nyinaa bedi AWURADE mo Nyankopɔn akyi. Na ebesi mo yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 12:14
11 Iomraidhean Croise  

na ɔfiri adi kɔhyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa, montie me. AWURADE ne mo te, sɛdeɛ mo ne no teɛ yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔbɛgya mo.


Ɔsomaa esum maa no duruu sum, nanso wɔannwene ne nsɛm ho.


Monka no ɔteneneeni ho sɛ, ɛbɛsi no yie, na wɔbɛdi wɔn nneyɛɛ so aba.


AWURADE di bem, ɛfiri sɛ me na mate n’anomu asɛm ho atua. Aman nyinaa, montie, na monhwɛ me yea. Me mmabaa ne me mmeranteɛ kɔ nnommumfa mu.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ animuonyam ne anidie ne adeɛ a ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn daa nkwa.


Na odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no, monku no, ɛfiri sɛ wakasa sɛ mommane mfiri AWURADE mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim asase soɔ na ɔgyee mo firii nkoafie no ho de retwetwe wo afiri ɔkwan a wahyɛ wo sɛ nante mu no so; na tu bɔne no firi wo mu.


Na afei monsuro AWURADE na monsom no mudie ne nokorɛ mu, na mompa anyame a mo agyanom som wɔ asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE.


Sɛ mogya AWURADE hɔ na mokɔsom ananafoɔ anyame a, ɔbɛdane ayɛ mo bɔne na wama moahye, sɛ ɔyɛɛ mo yie kane no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan