Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 12:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagya AWURADE hɔ akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam, na yɛbɛsom wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagya AWURADE hɔ akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam, na yɛbɛsom wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, wosu frɛɛ Awurade bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne se, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afi Awurade ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wugye yɛn fi yɛn atamfo nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, wɔsu frɛɛ Awurade bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afiri Awurade ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wogye yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na wosu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagyaw AWURADE akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn yɛn atamfo nsam, na yɛbɛsom wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 12:10
18 Iomraidhean Croise  

Nanso ɔhwɛɛ wɔn ahohia maa wɔn, ɔtiee wɔn abooboo no.


O AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo, wɔbɔɔ mpaeɛ berɛ a woreka wɔn anim no.


Na AWURADE ne yɛn temmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ, AWURADE ne yɛn hene, ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.


ne Gilead fa ne Astarot ne Edrei, Og ahennie nkuro a ɛwɔ Basan no. Wɔde maa Manase ba Makir mma, sɛ ɛnyɛ Makir mma fa dea, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.


Ɛnna Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagya yɛn Nyankopɔn hɔ na yɛakɔsom Baalim.


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.


Na wɔgyaa AWURADE hɔ kɔsomm Baal ne Astarot.


Ɛnna Israel mma no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkumma no. Na Israelfoɔ no de ayɛyɛdeɛ nam ne so kɔmaa Moabhene Eglon.


Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.


Na Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa Israelfoɔ no maa no gyee wɔn, Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.


Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.


Na Midian nti Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE no,


Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛree wɔ hɔ; ɛdii mfirinhyia aduonu. Na Israel fie nyinaa dii abooboo hwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan.


Na wɔbɛhyiaa wɔ Mispa, na wɔsaa nsuo hwie guu AWURADE anim, na wɔdii abuada da no, na wɔkaa no ɛhɔ sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne. Na Samuel buu Israelfoɔ atɛn Mispa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan