Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 11:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na hwɛ, na Saulo di anantwie akyi firi afuo mu reba; na Saulo kaa sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ ɔman yi na wɔresu yi? Na wɔkaa Yabesfoɔ nsɛm no kyerɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na hwɛ, na Saulo di anantwie akyi firi afuo mu reba; na Saulo kaa sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ ɔman yi na wɔresu yi? Na wɔkaa Yabesfoɔ nsɛm no kyerɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Saa bere no, na Saulo refuntum nʼafuw. Na ɔbaa fie no, obisae se, “Dɛn asɛm na asi? Adɛn nti na nusu abu obiara kɔn yi?” Enti wɔbɔɔ asɛm a efi Yabes aba no ho amanneɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Saa ɛberɛ no, na Saulo refuntum nʼafuo. Na ɔbaa efie no, ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na asie? Adɛn enti na nisuo abu obiara kɔn yi?” Enti, wɔbɔɔ asɛm a ɛfiri Yabes hɔ aba no ho amanneɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na hwɛ, Saul di anantwi akyi fi afuw mu reba; na Saul kae sɛ: Dɛn na ɛyɛ ɔman yi na wɔresu yi? Na wɔkaa Yabesfo nsɛm no kyerɛɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 11:5
6 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn tee abarimaa no nne, na Nyankopɔn bɔfoɔ firi soro frɛɛ Hagar bisaa no sɛ: Hagar, ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ? Nsuro, na Onyankopɔn ate abarimaa no nne wɔ deɛ ɔwɔ hɔ.


Ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ. Na ɔkɔhunuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefuntum; anantwie mpamho dummienu na ɛdi n’anim, na ɔno ne deɛ ɛtɔ so dummienu no na ɛrefuntum, na Elia sene baa ne nkyɛn, na ɔtoo ne ngusoɔ guu ne so.


Ɔmaa no firii nnwammereɛ a wɔma nufoɔ akyiridie bae, sɛ ɔmmɛyɛne ne man Yakob ne n’agyapadeɛ Israel.


Adehunu bonhwa no ho atemmusɛm. Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi?


na wɔdanedanee wɔn ho ka kyerɛɛ Mika sɛ: Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ na wode ɛdɔm a ɛte sɛɛ reba yi?


Na Benyaminni bi wɔ hɔ a ne din de Kis a ɔyɛ Benyamin aseni, Afia ba, Bekorat ba, Seror ba, Abiel ba, ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan