Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 11:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ metutu mo ani nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ metutu mo ani nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nanso Amonni Nahas buae se, “Eye, na ade baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, metu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nahas kaa sɛ, “Ɛyɛ, na adeɛ baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, mɛtu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ mitutu mo aniwa nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 11:2
11 Iomraidhean Croise  

Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛntumi saa adeɛ yi yɛ, sɛ yɛde yɛn nua bɛma ɔbarima a ɔyɛ momonoto, ɛfiri sɛ ɛno yɛ ahohora ma yɛn.


Monntie Hesekia, na sɛ Asiriahene seɛ nie: Mo ne me nni asomdwoeɛsɛm, na momfiri mmra me nkyɛn, na monni mo bobe ne mo borɔdɔma no bi, na monnom mo mmura mu nsuo


Wode yɛn asi hɔ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nsopa, ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no fɛdie, ne ehuro.


Na ɔkaa sɛ: Mene w’agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n’anim, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn.


Ɔteneneeni bu n’afieboa kra, na abɔnefoɔ ayamyɛ yɛ atirimuɔden.


Na ɔtutuu Sedekia ani, na ɔmaa wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, sɛ wɔmfa no nkɔ Babel.


Nso womfaa yɛn mmaa asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ so, na wommaa yɛn mfuo ne nturo sɛ yɛnni so; na mmarima yi aniwa na worebɛtutuo? Yɛremma!


Na Filistifoɔ no kyeree no tutuu n’ani, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam ayuo apokyerɛfoɔ fie.


Na Yabesfoɔ no kaa sɛ: Ɔkyena yɛbɛfiri adi aba mo nkyɛn, na moayɛ yɛn sɛdeɛ ɛyɛ mo ani soɔ nyinaa.


Na mohunuu sɛ Amonfoɔ hene Nahas reba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmɛdi yɛn so, berɛ a na AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene.


Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan