Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 11:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na Saulo kaa sɛ: Wɔnnkum obiara nnɛ da yi, ɛfiri sɛ ɛnnɛ AWURADE ayɛ nkwagyedeɛ Israel mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na Saulo kaa sɛ: Wɔnnkum obiara nnɛ da yi, ɛfiri sɛ ɛnnɛ AWURADE ayɛ nkwagyedeɛ Israel mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso Saulo buae se, “Wɔrenkum obiara nnɛ, efisɛ, Awurade agye Israel nnɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso, Saulo buaa sɛ, “Wɔrenkum obiara ɛnnɛ, ɛfiri sɛ, Awurade agye Israel ɛnnɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na Saul kae sɛ: Wonnkum obiara nnɛ da yi, efisɛ ɛnnɛ AWURADE ayɛ nkwagyede Israel mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 11:13
11 Iomraidhean Croise  

Na Dawid buaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ sɛ atamfoɔ a wɔne me di asie nnɛ yi? Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ wɔkum obi Israel anaa? Mennim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa?


Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wɔrenku wo. Na ɔhene kaa no ne ntam.


Ɔno na ɔsɔre kunkumm Filistifoɔ no kɔsii sɛ ne nsam goeɛ na ne nsa fam ne nkrantɛ ho. Na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛseɛ da no, na ɛdɔm no dane kɔdii n’akyiri sɛ wɔbɛfom adeɛ nko.


Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, monnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagyeɛ a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfoɔ a mohu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio.


Na AWURADE gyee Israel nkwa da no firii Misraim nsam, na Israel hunuu Misraimfoɔ no sɛ wɔawuwu gu ɛpo no ano.


na ɔhunuu sɛ ɔbarima biara nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔkamafoɔ biara nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne tenenee wowaa no.


nanso Nyankopɔn adom nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi; na n’adom a ɔde dom me no anyɛ kwa, na mmom meyɛɛ adwuma bebree mesene wɔn nyinaa, nanso ɛnyɛ me a, na mmom Nyankopɔn adom a ɛka me ho no a.


Na nnipa hunu bi kaa sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wɔbuu no animtia, na wɔamfa ayɛyɛdeɛ ammrɛ no. Na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔnteɛ.


Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Yonatan a wayɛ Israel mu ɔgyeɛ adwuma kɛseɛ yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ne tirinwi baako mpo rentɔ fam, ɛfiri sɛ ɔne Onyankopɔn na ayɛ adeɛ nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu.


Na ɔde ne kra too ne nsam kɔkumm Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wohunui na w’ani gyeeɛ; na adɛn nti na worebɛyɛ mogya a ɛdi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan