Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 11:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na adeɛ kyeeɛ no, Saulo buu ɔman no mu asafokuo mmiɛnsa na wɔkɔɔ nsraban no mu anɔpa dasuo mu, na wɔkunkumm Amon kɔduruu awia ketee. Na wɔn a ɛkaeɛ no bɔ petee a anka wɔn mu baanu mpo wɔ faako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na adeɛ kyeeɛ no, Saulo buu ɔman no mu asafokuo mmiɛnsa na wɔkɔɔ nsraban no mu anɔpa dasuo mu, na wɔkunkumm Amon kɔduruu awia ketee. Na wɔn a ɛkaeɛ no bɔ petee a anka wɔn mu baanu mpo wɔ faako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso ansa na ade bɛkye no, na Saulo adu hɔ dedaw. Ɔkyekyɛɛ nʼakofo no mu akuw abiɛsa. Ɔtow hyɛɛ Amonfo no so mpofirim, kunkum wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn asraafo nkae no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhu sɛ wɔn mu baanu bi gyina faako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso, ansa na adeɛ rebɛkye no, na Saulo aduru hɔ dada. Ɔkyekyɛɛ nʼakodɔm no mu akuo mmiɛnsa. Ɔto hyɛɛ Amonfoɔ no so mpofirim, kunkumm wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn akodɔm nkaeɛ no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhunu sɛ wɔn mu baanu bi gyina baabi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na ade kyee no, Saul buu ɔman no mu asafokuw abiɛsa na wɔkɔɔ nsra no mu anɔpa dasu mu, na wokunkum Amonfo koduu awia ketee; na wɔn a ɛkae no bɔ petee a anka wɔn mu baanu po wɔ faako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 11:11
14 Iomraidhean Croise  

Na Abraham too bea hɔ din sɛ: Yahwe-yir’e. Enti wɔka no nnɛ ara sɛ: AWURADE bepɔ so na wɔbɛhwɛ.


Na Dawid gyaa ɛdɔm no kwan de abupɛn mmiɛnsa mu baako hyɛɛ Yoab nsa, na ɔde baako hyɛɛ Seruia ba Abisai, Yoab nua, nsa, na ɔde baako hyɛɛ Gatni Itai nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ: Fire na me nso mene mo bɛfiri akorɔ.


Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.


Na anɔpa nsraberɛ mu no AWURADE faa ogya ne mununkum dum no hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraa wɔn,


Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.


Na mmɔborɔhunu nni atemmuo mu ma deɛ wanhunu mmɔborɔ, na mmɔborɔhunu hoahoa ne ho di atemmuo so nkonim.


Ɛnna Adoni-besek kaa sɛ: Ahemfo aduɔson a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobetie atwitwa tasetasee me pono ase; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛwuu wɔ hɔ.


Na Barak tii nteaseɛnam no ne dɔm no kɔduruu Haroset-ha-goyim, na Sisera dɔm nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano, anka baako mpo.


Na ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuo mmiɛnsa, na ɔde ntotorobɛnto hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsa ne nkuruwa hunu ne tɛnee a ɛhyehyɛ nkuruwa no mu.


Na akuo mmiɛnsa no hyenhyɛnee ntotorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wɔkurakuraa ntɛnee no wɔn nsa benkum mu ne ntotorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteaa mu sɛ: AWURADE ne Gideon nkrantɛ!


Na ɔfaa nnipa no buu wɔn mu akuo mmiɛnsa, na ɔkɔtɛɛ wiram. Na ɔhwɛe, na hwɛ, na nkurɔfoɔ no refiri adi afiri kuro no mu, na ɔsɔre tiaa wɔn kunkumm wɔn.


Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ metutu mo ani nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so.


Na Saulo dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae, ɔne Moab ne Amonfoɔ ne Edom ne Soba ahemfo ne Filistifoɔ koeɛ; na baabiara a ɔdanee ne ho koeɛ no, ɔdii nim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan