Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 11:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Amonni Nahas foro ba bɛkyeree Yabes-gilead so nsraban. Na Yabes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: Ɛne yɛn mpam na yɛnsom wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Amonni Nahas foro ba bɛkyeree Yabes-gilead so nsraban. Na Yabes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: Ɛne yɛn mpam na yɛnsom wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛbɛyɛ ɔsram akyi, Amonhene Nahas dii nʼakofo anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma srɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛbɛyɛ bosome akyi, Amonhene Nahas dii nʼakodɔm anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma bisaa asomdwoeɛ. Wɔsrɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfoɔ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Amonni Nahas foro ba bɛbɔɔ Yabes-gilead so nsra. Na Yabes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: Wo ne yɛn mpam na yɛnsom wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 11:1
23 Iomraidhean Croise  

Na wɔse: Yɛahunu pefee sɛ AWURADE di w’akyi. Na yɛse: Ma ntam nna yɛne wo ntam. Na ma yɛne wo mpam,


Na yei akyiri no, Amonfoɔ hene wui, na ne ba Hanun bɛsii n’ananmu dii hene.


Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ n’agya yɛɛ me adɔeɛ no. Na Dawid somaa ne nkoa maa wɔkɔmaa no hyɛden, n’agya wuo no nti. Na Dawid nkoa no duruu Amonfoɔ asase so.


Na Dawid duruu Mahanaim no, Nahas ba Sobi a ɔfiri Amonfoɔ Raba, ne Amiel ba Makir a ɔfiri Lo-debar, ne Gileadni Barsilai a ɔfiri Rogelim no


Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Yabes-gileadfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moayɛ mo wura Saulo adɔeɛ sɛɛ, na moasie no.


Na Ben-hadad ka kyerɛɛ no sɛ: Nkuro a m’agya gyee no w’agya nsam no, mɛdane mama, na te mmorɔno nso Damasko fa, sɛdeɛ m’agya tee no Samaria no. Na Ahab kaa sɛ: Me nso, mede apam bɛgya wo kwan. Ɛnna ɔne no pameeɛ, na ɔgyaa no kwan.


Na Yabes-gileadfoɔ nyinaa tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo nyinaa no,


akofoɔ no nyinaa sɔresɔree, na wɔkɔfaa Saulo amu, ne ne mma no amu no, na wɔde baa Yabes, na wɔbɛsiee wɔn nnompe no dupɔn a ɛwɔ Yabes no ase, na wɔdii mmuada nnanson.


Ɔne wo bɛpam apam sɛ fa no yɛ akoa daa?


Ɛne wɔn ne wɔn anyame mmpam.


Monntie Hesekia! Na sɛ Asiriahene seɛ nie: Mo ne me nni asomdwoeɛsɛm, na momfiri mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bɛdi ɔno ara ne bobe, ne ɔno ara ne borɔdɔma na wanom ɔno ara n’abura mu nsuo


Saa ara nso na Yudafoɔ a wɔwɔ Moab ne Amonfoɔ mu ne Edom ne wɔn a wɔwɔ nsase no nyinaa soɔ no nyinaa tee sɛ Babel hene agya nkaeɛ bi ama Yuda ne sɛ ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia asi wɔn so panin no,


bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ Amonfoɔ hene Baalis asoma Netania ba Ismael sɛ ɔmmra mmɛku wo? Na Ahikam ba Gedalia annye wɔn anni.


Na ɔfaa ahennie asefoɔ no mu obi, na ɔne no pamee, na ɔmaa no kaa no ntam, (na asase no so atumfoɔ no deɛ, ɔfaa wɔn kɔe),


Amonni anaa Moabni mmma AWURADE badwa mu; wɔn awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so du mpo mmma AWURADE badwa mu da,


Na AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Amonfoɔ nsa.


Na ɛno akyiri no, Amonfoɔ ne Israel kɔdii ako.


Na wɔkaa sɛ: Israel mmusuakuo mu hwan ara mpo na wamma AWURADE nkyɛn Mispa? Na hwɛ, obiara amfiri Yabes-gilead amma badwa no mu, nsraban no mu.


Na mohunuu sɛ Amonfoɔ hene Nahas reba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmɛdi yɛn so, berɛ a na AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene.


Na Saulo dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae, ɔne Moab ne Amonfoɔ ne Edom ne Soba ahemfo ne Filistifoɔ koeɛ; na baabiara a ɔdanee ne ho koeɛ no, ɔdii nim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan