Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 10:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na wofiri hɔ kɔ w’anim, na woduru Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn Betel bɛhyia wo hɔ, ɔbaako so mmirekyie mmiɛnsa, na ɔbaako so paanoo mua mmiɛnsa, na ɔbaako so bobesa ahina ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na wofiri hɔ kɔ w’anim, na woduru Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn Betel bɛhyia wo hɔ, ɔbaako so mmirekyie mmiɛnsa, na ɔbaako so paanoo mua mmiɛnsa, na ɔbaako so bobesa ahina ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Mudu dua kɛse bi a esi Tabor ho a, mubehyia mmarima baasa bi a wofi Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyi mma abiɛsa, ɔbaako nso so brodo mua abiɛsa, na nea ɔka ho no nso so nsa aboa nhoma kotoku baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Moduru dua kɛseɛ bi a ɛsi Tabor ho a mobɛhyia mmarima baasa bi a wɔfiri Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyie mma mmiɛnsa, ɔbaako nso so burodo mua mmiɛnsa ɛnna deɛ ɔka ho no nso so nsã aboa nwoma kotokuo baako.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wufi hɔ kɔ w’anim, na wudu Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Onyankopɔn nkyɛn Betel behyia wo hɔ, obiako so mmirekyi abiɛsa, na obiako so brodo sebɔw abiɛsa, na obiako so bobesa ahina ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 10:3
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔfrɛɛ hɔ: Betel, nanso akane no na kuro no din de Lus.


Na ɔboɔ yi a mede mayɛ odum asi hɔ yi bɛyɛ Nyankopɔn fie. Na deɛ wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotosoɔ du du.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔrebukyia wɔ hɔ ma Onyankopɔn a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woredwane afiri wo nua Esau anim no.


Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na menkɔsi afɔrebukyia wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m’ahohiahia da ɔtiee me na ɔdii m’akyi wɔ kwan a mekɔeɛ no mu no.


Atifi fam ne anafoɔ fam, wo ara na wobɔeɛ, Tabor ne Hermon di wo din mu ahurisie.


Ɛnna m’agya nua ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfoɔ abannwa no mu, sɛdeɛ AWURADE asɛm no kaeɛ no, bɛka kyerɛɛ me sɛ: Tɔ m’afuo a ɛwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no, na wo na adeɛ no die ne ne gyeɛ wɔ woɔ. Tɔ fa! Ɛnna mehunuu sɛ ɛyɛ AWURADE asɛm.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi nnwan mu, nnwanten anaa mmirekyie mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, onini a ɔdi mu na ɔmfa mmra.


ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre, na ɛnyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne ɛho ahwiesa, bobesa susutoa abupɛn nnan mu baako.


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ abirekyie a, ɔmfa mmra AWURADE anim;


Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE no yɛ nnwan no bi a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa mmra.


Mmɔreka paanoo taterɛ na ɔmfa nka n’ayɛyɛdeɛ ne n’asomdwoeɛ aseda afɔdeɛ no ho mmra.


Na ɛsane firi Sarid kɔ anim owiapueeɛ de kɔ Kislot-tabor hyeɛ so na ɛfiri adi kɔ Daberat, na ɛforo kɔ Yafia.


Na ɛhyeɛ no kɔpem Tabor, Sahasima ne Bet-semes, na wɔn hyeɛ no ano kɔduru Yordan ano: Nkuro dunsia ne ɛho nkuraa.


Na Israelfoɔ sɔree, na wɔsii mu kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn; na wɔse: Yɛn mu hwan na ɔnkɔ kane ne Benyaminfoɔ no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Yuda nkɔ kane.


Na Israelfoɔ no kɔ kɔsuu AWURADE anim kɔsii anwummerɛ, na wɔbisaa AWURADE kaa sɛ: Mentwe mpini bio na me ne me nua Benyamin mma nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ ne so.


Na Israelfoɔ no bisaa AWURADE, (ɛfiri sɛ ɛhɔ na na Nyankopɔn apam adaka no wɔ nna no mu,


Na wɔkɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔ so.


Na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Abinoam ba Barak firi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ hyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Kɔ, pinkyɛ Tabor bepɔ, na fa Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu mmarima mpem du ka wo ho?


Na ɔka kyerɛɛ Seba ne Salmuna sɛ: Mmarima a mokunkumm wɔn Tabor no te sɛn? Na wɔse: Wɔne wo pɛ, wɔn nyinaa sesɛ ahene mma.


Na wɔbɛkyea wo, na wɔama wo paanoo mmienu na woagye wɔ wɔn nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan