Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 10:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na Saulo nso kɔɔ ne fie Gibea, na ɛdɔm no mu akokoɔdurufoɔ binom a Onyankopɔn aka wɔn akoma no ne no kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Na Saulo nso kɔɔ ne fie Gibea, na ɛdɔm no mu akokoɔdurufoɔ binom a Onyankopɔn aka wɔn akoma no ne no kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea na nnipakuw bi a Onyankopɔn aka wɔn koma de wɔn ho bɛbɔɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Saulo nso kɔɔ ne fie wɔ Gibea na nnipakuo bi a Onyankopɔn aka wɔn akoma de wɔn ho bɛbɔɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Na Saul nso kɔɔ ne fi Gibea, na dɔm no mu akokodurufo binom a Onyankopɔn aka wɔn koma no ne no kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 10:26
12 Iomraidhean Croise  

ma wɔmfa ne mma mu mmarima nson mma yɛn, na yɛnsensɛne wɔn mma AWURADE wɔ Saulo a AWURADE faa no no kuro Gibeon mu. Na ɔhene kaa sɛ: Mɛma.


Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, wɔn a Onyankopɔn akanyan wɔn honhom nyinaa sɔresɔree sɛ wɔreforo asane akɔsi AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no.


Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ asafo ba ma wo sɛ obosuo firi adekyeeɛ yam.


wɔakɔfa mpɔtamu hɔ, wɔakɔsoɛ Geba anadwo no. Rama ho repopo, Gibea-saulo adwane.


Na amanaman mufoɔ no teeɛ no, wɔn ani gyee, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no animuonyam. Na dodoɔ a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii.


Na ɔyii no firii n’amanehunu nyinaa mu na ɔmaa no adom ne nyansa Farao a ɔyɛ Misraim hene no anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fie nyinaa so amrado.


ne Sela, Ha-elef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkuro dunan ne ɛho nkuraa. Yei ne Benyaminfoɔ no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.


Na Benyaminfoɔ no fifiri nkuro mu bɛboaa wɔn ano Gibea, sɛ wɔbɛfiri ne Israelfoɔ no akɔko.


Ɛnna abɔfoɔ no baa Gibea, faako a Saulo firi bɛkaa asɛm no ɔman no aso mu; na ɔman no nyinaa memaa wɔn nne so sui.


ɔyii Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saulo nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔ so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea-benyamin; na ɔman a aka no, ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu.


Ɛnna Samuel sii mu kɔɔ Rama. Na Saulo nso foro kɔɔ ne fie Gibea-saulo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan