Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 1:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so, tena hɔ kɔsi sɛ wobɛtwa no nufoɔ ansa; AWURADE asɛm ara na ɔmma no nnyina. Na ɔbaa no tenaa hɔ maa ne ba nufoɔ de kɔsii sɛ ɔtwaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so, tena hɔ kɔsi sɛ wobɛtwa no nufoɔ ansa; AWURADE asɛm ara na ɔmma no nnyina. Na ɔbaa no tenaa hɔ maa ne ba nufoɔ de kɔsii sɛ ɔtwaa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Elkana kae se, “Nea wugye di sɛ eye ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa; na Awurade mmoa wo mma wunni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbea no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Elkana kaa sɛ, “Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa na Awurade mmoa wo mma wonni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbaa no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ nea eye w’ani so. Tena hɔ kosi sɛ wubetwa akokoaa no nufu ansa; AWURADE asɛm ara na ɔmma ennyina. Na ɔbea no tenaa hɔ maa ne ba no nufu de kosii sɛ otwaa no nufu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 1:23
12 Iomraidhean Croise  

Na afei, ao, AWURADE Nyankopɔn, asɛm a woaka no w’akoa ne ne fie ho no, ma no nnyina nkɔsi daa, na yɛ sɛdeɛ woaka no.


Na mesɔree anɔpa sɛ merema me ba nufoɔ no, na hwɛ, wawu. Na mehwehwɛɛ ne ho anɔpa no, na hwɛ, ɛnyɛ me ba a mewoo no a.


Na wo na woyii me firii me na yam, metua me na nufoɔ ano no, na womaa me anidasoɔ.


deɛ ɔma n’akoa asɛm gyina, na ɔma n’abɔfoɔ agyinatusɛm ba mu; deɛ ɔka Yerusalem ho sɛ: Nnipa bɛtena mu! ne Yuda nkuro ho sɛ: Wɔbɛkyekyere, na mɛma n’akurofo so agyinagyina.


Nanso sɛ ne kunu sane no da a ɔteeɛ no a, ɛnneɛ adeɛ biara a afiri n’anomu a ɔde hyɛɛ bɔ anaasɛ ɔde tuaa ne kra biribie no rennyina hɔ; ne kunu asane, na AWURADE de bɛkyɛ no.


Na wɔn a wɔafa afuro, ne wɔn a wɔma nufoɔ nna no mu no nnue!


Na ɛbaa sɛ ɔreka yeinom no, ɔbaa bi a ɔwɔ nkurɔfokuo no mu maa ne nne so ka kyerɛɛ no sɛ: Nhyira ne yafunu a ɛwoo woɔ ne nufoɔ a wonumiiɛ!


Ɛnna Eli buaa sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo adeɛ a wosrɛɛ no ne hɔ no.


Na Saulo kaa sɛ: Momma yɛnsiane nkɔti Filistifoɔ no anadwo yi, na yɛmfom wɔn mfa nkɔduru anɔpa, na yɛannya wɔn mu nipa baako mpo. Na wɔkaa sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa yɛ! Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Momma yɛntwe mpini Onyankopɔn wɔ ha.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Mo deɛ, monkɔ afa, na me ne me ba Yonatan nso nkɔ afa. Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ no yɛ!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan