Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 9:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na onipa biara a ɔka onipa mogya guo no, ne nsam mu na mɛbisa, na aboa mpo ka onipa mogya gu a mɛbisa afiri ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na onipa biara a ɔka onipa mogya guo no, ne nsam mu na mɛbisa, na aboa mpo ka onipa mogya gu a mɛbisa afiri ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na wo nkwa de, nea ɛbɛyɛ biara, mebisa ho akontaabu. Onipa a okum ne yɔnko nipa no, mebisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a obekum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mebisa onipa kra ho asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wo nkwa deɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, mɛbisa ho akontabuo. Onipa a ɔkum ne yɔnko onipa no, mɛbisa no ho asɛm. Mpo, aboa biara a ɔbɛkum onipa no, mewɔ saa aboa no nso asɛmmisa. Mɛbisa onipa kra ho asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na onipa biara a ɔka onipa mogya gu no, ne nsam na mebisa; na aboa mpo ka onipa mogya gu a mebisa afi ne nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 9:5
26 Iomraidhean Croise  

Na Ruben buaa wɔn sɛ: Manka ankyerɛ mo sɛ: Monnyɛ abɔfra no bɔne biara, na moantie? Na hwɛ, ne mogya na wɔrehwehwɛ yi.


na nkantom sɛ nnipa bɔne adi onipa tenenee awu ne fie, ne mpa soɔ, na afei, meremmisa ne mogya mo nsam, na merenyi mo mfiri asase so anaa?


Enti di no nyansa so, na mma ne dwono mmfa asomdwoeɛ mu nnsiane nnkɔ Asamando.


Na Ahasia ne na Atalia hunuu sɛ ne ba awuo no, ɔsɔree na ɔsɛee adehyeɛ abusua no nyinaa.


Na Ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a Sakaria agya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne ba no. Na ɔrewuo no, ɔkaa sɛ: AWURADE nhwɛ na ɔntɔ so were.


Na ne nkoa pamm ne tiri so kumm no ne fie.


Na asase no sofoɔ no kunkumm Ɔhene Amon atirisopamfoɔ no nyinaa, na asase, no sofoɔ no de ne ba Yosia sii hene n’ananmu.


sɛ, deɛ ɔtɔ mogya so were no akae wɔn, na ne werɛ amfiri abrɛfoɔ nteamu.


Deɛ ɔbɔ onipa ma no wuo no, kum na wɔnku no.


Nkyini wo nkurɔfoɔ mu nni nsekuro; nsɔre ntia wo yɔnko mogya. Mene AWURADE.


Na sɛ obi kum onipa biara a, kum na wɔnku no.


Na deɛ ɔkum afieboa no, ɔnsi ananmu, na deɛ ɔkum onipa no, wɔnku no.


Na sɛ obi de dadeɛ bɔ obi ma no wu a, ɔyɛ owudini; kum na wɔnkum owudini no.


Na sɛ obi kura ɔboɔ a ɛbɛtumi akum onipa na sɛ ɔde bɔ obi ma no wu a, ɔyɛ owudini; kum na wɔnkum owudini no.


Anaasɛ ɔkura dua a ɛbɛtumi akum onipa de bɔ obi ma no wu a, ɔyɛ owudini; kum na wɔnkum owudini no.


anaasɛ nitan so na ɔde ne nsa bɔ no ma no wu a, kum na wɔnkum deɛ ɔbɔɔ no no; ɔyɛ owudini: Mogya ho weretɔfoɔ, sɛ ɔto owudini no a, ɔnku no.


na mogya tenenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel tenenee mogya so de bɛsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no mogya so aba mo so.


na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn


Na sɛ obi tane ne yɔnko na ɔtɛ no sɔre to hyɛ ne so, na ɔde adeɛ bɔ no ma no wu, na ɔdwane kɔ nkuro yi baako mu a,


ɛnneɛ ne kurom mpanimfoɔ nsoma mma wɔnkɔfa no mfiri hɔ, na wɔmfa no nhyɛ mogya ho weretɔfoɔ no nsa, na ɔnwu.


Na Onyankopɔn tuaa Abimelek bɔne a ɔyɛɛ n’agya, sɛ ɔkumm ne nuanom aduɔson no so ka.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan