Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 9:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na ɔkaa nso sɛ: Nhyira ne Sem Nyankopɔn, AWURADE, na Kanaan nyɛ wɔn akoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

26 Na ɔkaa nso sɛ: Nhyira ne Sem Nyankopɔn, AWURADE, na Kanaan nyɛ wɔn akoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Noa kaa bio se, “Me nhyira a efi Awurade, me Nyankopɔn, nkyɛn no nka Sem! Kanaan nyɛ Sem akoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Noa kaa bio sɛ, “Me nhyira a ɛfiri Awurade, me Onyankopɔn, nkyɛn no nka Sem! Kanaan nyɛ Sem akoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

26 Na ɔkae sɛ Nhyira ne Sem Nyankopɔn, Awurade, na Kanaan nyɛ wɔn akoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 9:26
15 Iomraidhean Croise  

Na nhyira ne ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa. Na Abram maa no nnoɔma no nyinaa mu ntotosoɔ du du.


Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a wamma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ammɔ me wura. Na me nso, AWURADE akyerɛ me me wura nuanom fie kwan.


Aman nsom wo, na nkurɔfoɔ nkoto wo. Yɛ wo nuanom so wura, na wo na mma nkoto wo. Wɔadome wɔn a wɔdome woɔ, na wɔahyira wɔn a wɔhyira woɔ.


Na Isak bua see Esau sɛ: Hwɛ, mede no mayɛ wo so wura, na mede ne nuanom nyinaa mayɛ ne nkoa. Na mede aburoo ne nsa mawowa no. Na afei wo deɛ, ɛdeɛn na menyɛ woɔ, me ba?


Wo nkrantɛ so na wonam bɛtena aseɛ, na wobɛsom wo nua. Nanso ɛbɛba sɛ wobɔ mmɔden kentene wo ho a, wobɛyi ne kɔnnua afiri wo kɔn so.


wɔn a Israel mma antumi ansɛe wɔn no mma a wɔkaa wɔn akyi, asase no soɔ no, Salomo yɛɛ wɔn ɔhyɛ adwumayɛfoɔ de bɛduru nnɛ yi.


Nhyira ne ɔman a wɔte sɛɛ, nhyira ne ɔman a AWURADE ne wɔn Nyankopɔn.


na agyanom no nso wɔ wɔn, na honam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wɔhyira no daa daa no firi wɔn mu bae. Amen.


Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn! Ɔnam soro di boa wo, ɔde ne kɛseyɛ nam mununkum mu.


Na afei wɔrehwehwɛ kuro a ɛyɛ kyɛne soɔ a ɛne ɔsoro deɛ. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wasiesie kuro bi ama wɔn.


Enti afei wɔadome mo, na mo mu na nkoa ne nnuatwafoɔ ne nsusafoɔ a wɔbɛyɛ adwuma ama ne Nyankopɔn fie no bɛfire daa.


Na Israel ho yɛɛ den no, wɔmaa Kanaanfoɔ no de ɔsom adwuma yii toɔ, na tuo deɛ, wɔantu wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan