Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 9:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa, deɛ ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa, deɛ ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne wim nnomaa nyinaa ne abɔde a wɔwɔ asase so ne nsu mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mo ho hu ne mo ho suro bɛtɔ mmoa a wɔwɔ asase so nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa ne abɔdeɛ biara a wɔnam asase so ne nsuo mu mpataa nyinaa so. Wɔn nyinaa hyɛ mo nsa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne wim nnomaa nyinaa, nea ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 9:2
16 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn bɔɔ nsuboa akɛseɛ ne nketewa ahodoɔ sɛdeɛ wɔn su teɛ; ne ntakraboa nyinaa sɛdeɛ wɔn su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.


Na Onyankopɔn kaa sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn nsɛsoɔ, na wɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, ntɔteboa, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.


Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monya so tumi; na monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa so.


Na AWURADE Nyankopɔn de dɔteɛ nwonoo wiram mmoadoma, ne ewiem nnomaa nyinaa, na ɔde wɔn baa onipa no nkyɛn sɛ ɔbɛhunu sɛdeɛ ɔbɛfrɛ wɔn. Na deɛ onipa de frɛɛ abɔdeɛ a ɛte aseɛ biara no, ɛno ara ne ne din.


Na wɔsii mu sɛ wɔrekorɔ no, Nyankopɔn ho hu baa nkuro a atwa wɔn ho ahyia no so, na wɔanti Yakob mma no.


Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma.


Deɛ ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛnyɛ mo aduane; mede ne nyinaa mama mo, sɛdeɛ mede nhahan mono memaa mo no.


N’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto ne so, na woagya w’adwuma ama no anaa?


Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, na mahye mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena ɛserɛ so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwaeɛ mu.


Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.


Na mɛsoma wiram mmoa aba mo mu na wɔagye mo nsam mma, na wɔadi mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo.


Na mɛma ɔmannwoeɛ aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afiri asase no so, na nkrantɛ remfa mo asase so.


Na ntɔteboa ne ntakraboa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a ɛwɔ po mu su nyinaa, nnipa de wɔn su dwodwo wɔn, na wɔadwodwo wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan