Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 9:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmabarima no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mmammarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monwo, na monyɛ bebree nhyɛ asase so ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Onyankopɔn hyiraa Noa ne ne mma, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 9:1
13 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn hyiraa wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ ɛpo mu ma, na ntakraboa nnɔɔso asase so.


Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monya so tumi; na monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa so.


Yeinom ne Noa mma mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyi amanaman petee asase soɔ.


Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛtɔ so nson no so, na ɔtee ho, ɛfiri sɛ ɛno mu na ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ wɔ adebɔ mu no nyinaa ho.


Na wɔhyiraa Rebeka see no sɛ: Yɛn nuabaa, dane mpem du ahodoɔ mpem mpem, na w’asefoɔ mfa wɔn atamfoɔ apono nni.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, dɔre na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba, na ahemfo firi w’asene mu bɛba.


mmoadoma a wɔka wo ho nyinaa a ɛfiri honam nyinaa mu, nnomaa ne ntɔteboa ne deɛ ɛwea asase soɔ nyinaa ne wo mfiri adi, na wɔnwo, na wɔnnɔɔso asase so.


Yeinom ne Noa mma baasa no. Wɔn mu na nnipa firi petee asase nyinaa soɔ.


Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa, deɛ ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.


Na mo deɛ, monwo na monnɔ, na monnɔɔso wɔ asase so.


Monyi AWURADE ayɛ! Nhyira ne onipa a ɔsuro AWURADE, na ɔnya ne mmara ho anika pii.


monhwɛ mo agya Abraham ne Sara a ɔkyem mo woo mo no, sɛ ɔyɛ ɔbaakofoɔ na mefrɛɛ no, na mehyiraa no memaa no dɔree.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan