Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Mose 7:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Nsuo a na ɛrebɛyire no nti, Noa ne ne mma, ne ne yere, ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Nsuo a na ɛrebɛyire no nti, Noa ne ne mma, ne ne yere, ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne nsenom mmea kɔhyɛɛ adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsuyiri no renka wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Noa ne ne mmammarima ne ne yere ne ne nsenom mmaa kɔhyɛɛ adaka no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuyire no renka wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na nsu a ɛrebeyiri no nti, Noa ne ne mma ne ne yere ne ne mma yerenom kɔɔ adaka no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Mose 7:7
10 Iomraidhean Croise  

Na me ne wo bɛyɛ apam ato hɔ, na woakɔ adaka no mu, wo ne wo mma, ne wo yere, ne wo mma yerenom.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Noa sɛ: Wo ne wo fiefoɔ nyinaa, monkɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ wo na mahu wo sɛ ɔteneneeni m’anim, ɛberɛ yi mu.


Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ deɛ, wɔkɔhyɛ mu, na wɔnya asotwe.


Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no mu wɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, wɔwareeɛ na wɔmaa awadeɛ de kɔsii da a Noa hyɛnee adaka no mu,


Wɔdidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa awadeɛ de kɔsii da a Noa hyɛnee adaka no mu, na nsuyire no baeɛ, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.


Gyidie na deɛ wɔnnya nhunuu ɛho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fie nkwagyeɛ, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidie ho tenenee ɔdedifoɔ.


na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.


a tete no wɔyɛ asoɔdenfoɔ, ɛberɛ a Nyankopɔn abodwokyɛre twɛneeɛ, Noa nna a wɔreyɛ adaka no mu. Emu na akra kakraa bi a wɔn ano si baawɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu.


na sɛ wankora tete wiase no, na mmom Noa a ɔyɛ tenenee sɛnkafoɔ ne nnipa baason a wɔka ne ho na ɔgyee wɔn na ɔde nsuyire bɛkataa amumuyɛfoɔ wiase soɔ no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan